1 Korintofo 13 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 13:1-13

1Sɛ meka nnipa ne abɔfo kasa foforo na minni ɔdɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa akasae a ɛwosow kɛkɛ. 2Sɛ mewɔ akyɛde a mitumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa koma; na mewɔ osuahu ne ntease ma mete ahintasɛm nyinaa ase; na mewɔ gyidi a ɛma mitumi tutu mmepɔw, nanso minni ɔdɔ a, menka hwee. 3Sɛ mede nea mewɔ nyinaa akyɛ na mpo mitu me nipadua si hɔ sɛ wɔnhyew, nanso sɛ minni ɔdɔ a, minnya hwee.

4Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su. 5Ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu. 6Ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokware. 7Ɔdɔ mpa abaw; ne gyidi, nʼanidaso ne ne boasetɔ nni nhuammɔ.

8Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ, nanso ɛnte hɔ daa; akyɛde a ɛma wɔka kasa foforo wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawiei; osuahu wɔ hɔ, nanso ebetwa mu. 9Nea yenim ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi; 10nanso nea ɛyɛ pɛ no nya ba a, nea ɛyɛ fa ne fa no begu. 11Meyɛ abofra no, mekasaa sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, misusuwii sɛ abofra, na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofrasɛm no. 12Nea yehu no mprempren no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi na, yebehu no kann. Nea minim mprempren no yɛ ɛho fa bi; akyiri no, ebedi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no.

13Na afei nneɛma abiɛsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidi, anidaso, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛse.