1 Beresosɛm 5 – AKCB & NUB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 5:1-26

Ruben Asefo

1Na Israel babarima panyin ne Ruben. Nanso esiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenanom no mu baako kɔdae no nti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmabarima. Esiane saa asɛm yi nti, wɔamfa Ruben din anka anato no ho sɛ abakan. 2Yuda asefo na wɔyɛɛ abusuakuw a wɔwɔ tumi pa ara; ne saa nti woyii ɔman no sodifo fii wɔn mu, nanso mpanyinni no de, na ɛyɛ Yosef dea. 3Israel abakan Ruben no mmabarima ne:

Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

4Yoel asefo ne

Semaia, Gog, Simei,

5Mika, Reaia, Baal,

6ne Beera. Bere a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfo kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na odi Rubenfo no anim.

7Wɔakyerɛw Beera nkurɔfo din sɛnea wɔn mmusua ne abusua no te: Yeiel ne wɔn ntuanoni, na Sakaria 8ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoel babarima.

Saa Rubenfo yi tenaa beae a efi Aroer de kosi Nebo ne Baal-Meon. 9Esiane sɛ na wɔwɔ anantwi bebree wɔ Gilead asase so no nti, wodidi kɔɔ apuei fam wɔ nweatam a ɛtrɛw kɔ Asubɔnten Eufrate no ho.

10Ɔhene Saulo bere so, Rubenfo dii Hagarfo5.10 Hagarfo. (1 Be 5.19-22) Saa abusua a wɔyɛ Hagar a na ɔyɛ Ismael ne na (1 Mose 16) asefo no, na wɔyɛ Israelfo atamfo no mu baako (Nnw 83.6). so nkonim wɔ ɔko mu. Enti wotu kɔɔ Hagarfo atenae a ɛwɔ Gilead apuei fam hɔ no.

Gad Asefo

11Basan asase so no, na Gad asefo na wɔtete asase a edi Rubenfo de no so. Wɔtrɛw kɔɔ apuei fam kosii Saleka.

12Na Yoel na otua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafo.

13Na wɔn abusuafo a wɔyɛ ntuanofo ma mmusua afoforo ason din ne:

Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.

14Eyinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima.

15Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuano.

16Gadfo no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraa ne Saron tataw no nyinaa so.

17Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam bere so na wɔkyerɛw eyinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu.

Yordan Apuei Fam Mmusuakuw

18Na akofo akɛse a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si mpem aduanan anan ahanson ne aduosia. Wokurakura nkatabo, mfoa ne agyan, na wɔn nyinaa akwadaw wɔ akodi mu. 19Wɔko tiaa Hagarfo, Yeturfo, Nafisfo ne Nodabfo. 20Wosu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na otiee wɔn mpaebɔ, efisɛ wɔde wɔn ho too ne so. Enti wodii Hagarfo no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim. 21Asade a wɔfa fii Hagarfo no nkyɛn no yɛ yoma mpem aduonum, nguan mpem ahannu aduonum, mfurum mpenu ne nneduafo mpem ɔha. 22Wokunkum Hagarfo no bebree wɔ ɔko no mu, efisɛ na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti wɔtenaa wɔn asase so kosii sɛ wotwaa wɔn asu.

23Manase abusua fa no trɛw wɔ asase no so fi Basan kosii Baal-Hermon, Senir ne bepɔw Hermon ho. Na wɔdɔɔso yiye. 24Eyinom ne wɔn mmusua no ntuanofo: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye din sɛ ɔkofo kɛse ne ɔkannifo. 25Nanso na wonni nokware, na wobuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsom aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame. 26Enti Israel Nyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsan frɛ no Tilgat-Pilneser) koma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfo, Gadfo ne Manasefo abusua fa sɛ nneduafo. Asiriafo no twaa wɔn asu kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ besi nnɛ.

Swedish Contemporary Bible

1 Krönikeboken 5:1-26

Rubens ättlingar

1Israels förstfödde var Ruben. (Han var den förstfödde, men eftersom han vanhelgade sin fars bädd, gavs hans förstfödslorätt i stället till Josefs, Israels sons, söner. I släktregistret nämns han därför inte som den förstfödde.

2Trots att Judas5:2 Juda var näst äldst och borde ha stått i tur, men förstfödslorätten gick över till Josefs söner, trots att Josef var näst yngst av de tolv bröderna. stam var den starkaste bland bröderna och en furste kom från den, var det Josef som fick förstfödslorätten.)

3Rubens, Israels förstföddes, söner var Henok, Pallu, Hesron och Karmi.

4Joels ättlingar var hans son Shemaja, vars son var Gog, vars son var Shimi, 5vars son var Mika, vars son var Reaja, vars son var Baal, 6vars son var Beera, som fördes bort i fångenskap av den assyriske kungen Tiglat Pileser. Han var en hövding för Rubens stam.

7Hans släktingar skrevs upp efter sina släkter i släktregistret och var: stamledaren Jeiel, Sakarja 8och Bela, son till Asas, son till Shema, son till Joel.

De bosatte sig från Aroer och ända bort till Nebo och Baal Meon. 9Österut tog de allt land i besittning ända bort till öknen vid Eufrat, därför att deras boskap i Gilead hade förökats.

10Under Sauls regering förde de krig med hagaréerna, besegrade dem och intog deras bosättningar i hela området öster om Gilead.

Gads ättlingar

11Gads ättlingar behärskade det område i Bashan som gränsade till rubeniternas, ända bort till Salka.

12Joel var deras ledare och sedan följde Shafam, Janaj och Shafat i Bashan.

13Deras släkter var, familj för familj, Mikael, Meshullam, Sheva, Joraj, Jakan, Sia och Ever, alltså sju.

14Dessa var söner till Avichajil, som var son till Huri, son till Jaroach, son till Gilead, son till Mikael, son till Jeshishaj, son till Jachdo, son till Bus.

15Achi, som var son till Avdiel och sonson till Guni, var överhuvud för deras familjer. 16Gaditerna bodde i Gilead i Bashan, med dess kringliggande byar, och på Sharons ängar så långt de sträckte sig.

17Alla dessa skrevs upp i släktregister under Juda kung Jotams och Israels kung Jerobeams tid.

18Rubens stam och gaditerna och den ena halvan av Manasses stam var vapenföra män, som kunde hantera sköld och svärd och båge, 44 760 män tränade för strid. 19De förde krig mot hagaréerna, Jetur, Nafish och Nodav. 20De fick hjälp mot dem, och hagaréerna och alla deras allierade överlämnades åt dem, eftersom de bad till Gud och han besvarade deras bön, därför att de litade på honom. 21De tog deras boskap, 50 000 kameler, 250 000 får och 2 000 åsnor och 100 000 människor. 22Många hade stupat i slaget, för Gud hade stridit mot dem. Sedan bodde de i detta område ända fram till tiden för exilen.

Manasses ättlingar

23Halva Manasses stam bosatte sig från Bashan till Baal Hermon, Senir och berget Hermon, och de var talrika.

24Dessa var deras familjeöverhuvuden: Efer, Jishi, Eliel, Asriel, Jeremia, Hodavja och Jachdiel. Alla dessa var modiga krigare och ansedda familjeöverhuvuden, 25men de var inte trogna mot sina förfäders Gud. I stället var de otrogna med de gudar som landets olika folk tillbad, de som Gud förintade åt dem. 26Därför ingav Gud kung Pul från Assyrien, också känd som Tiglat Pileser, att föra bort Rubens och Gads stammar och den ena hälften av Manasses stam. De fördes till Halach, Havor, Hara och Gosans flod, där de fortfarande finns kvar.