1 Beresosɛm 23 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 23:1-32

Lewifo Nnwuma

1Bere a Dawid bɔɔ akwakoraa no, oyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na obedi Israel so hene.

2Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofo nyinaa ne asɔfo, a Lewifo ka ho sɛ, wɔmmra ahensi afahyɛ no ase. 3Wɔkan Lewifo a wɔadi mfirihyia aduasa anaa nea ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem aduasa awotwe. 4Na Dawid kae se, “Wɔn mu mpem aduonu anan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem asia bɛsom sɛ mpanyimfo ne atemmufo. 5Mpem anan bɛyɛ apon ano hwɛfo na mpem anan foforo de nnwontode a mayɛ no bɛkamfo Awurade.”

6Na Dawid kyekyɛɛ Lewifo no mu akuwakuw de mmusuakuw a wɔyɛ Lewi mmabarima Gerson, Kohat ne Merari asefo no din totoo wɔn so.

Gersonfo

7Gerson mmabarima ne:

Libni ne Simei.

8Libni asefo no mu baasa yɛ

Yehiel (a ɔyɛ abusuapanyin), Setam ne Yoel.

9Eyinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanyimfo.

Na Simei asefo baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.

10Simei asefo baanan a wɔaka no ne

Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.

11Na Yahat yɛ ɔbeapanyin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, efisɛ na wɔn mu biara nni mmabarima dodow.

Kohatfo

12Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefo no ho.

13Amram mmabarima yɛ:

Aaron ne Mose.

Woyii Aaron ne nʼasefo sɛ wonni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔre wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wonhyira wɔ ne din mu daa daa. 14Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no de, wɔde ne mmabarima kaa Lewi abusuakuw ho.

15Mose mmabarima no yɛ

Gersom ne Elieser.

16Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanyin no ka Gersom asefo no ho.

17Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanyin.

Na Rehabia asefo yɛ bebree.

18Na Selomit a ɔyɛ abusuapanyin no ka Ishar asefo no ho.

19Na Yeria a ɔyɛ abusuapanyin,

Amaria a odi hɔ,

Yahasiel a ɔto so abiɛsa

ne Yekameam a ɔto so anan no

ne Hebron asefo no.

20Na Mika a ɔyɛ abusuapanyin ne Yisia a odi hɔ no

yɛ Usiel asefo no.

Merarifo

21Na Mahli ne Musi yɛ

Merari asefo no.

Mahli mmabarima ne

Eleasar ne Kis.

22(Eleasar wui a wanwo mmabarima biara, na mmom mmabea nko ara. Ne mmabea no wareware wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmabarima.)

23Musi mmabarima baasa no din de

Mahli, Eder ne Yeremot.

24Eyinom na na wɔn mmusua nti wɔyɛ Lewi asefo, na wɔyɛ wɔn mmusua akuw no ntuanofo a na wɔahwɛ akyerɛw wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirihyia aduonu anaa nea ɛboro saa, ansa na waso Awurade fi som. 25Na Dawid kae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn ama yɛn asomdwoe, na daa ɔbɛtena Yerusalem. 26Afei, ɛho nhia sɛ Lewifo no bɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.” 27Sɛnea Dawid no ara akwankyerɛ a etwa to no se no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Lewifo a wɔadi mfirihyia aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.

28Na Lewifo no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fi no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adiwo ne adan a ɛwɔ nkyɛn nkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahorow so wɔ Onyankopɔn fi. 29Na wɔhwɛ brodo kronkron a wɔkora no didipon so no, asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduan afɔre, tetare a mmɔkaw nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua srade akyew ne brodo afoforo a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛde bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so. 30Na anɔpa ne anwummere biara nso, wogyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no. 31Wɔboa ɔhyew afɔre a wɔbɔ ma Awurade homeda ahorow mu wɔ Ɔsram Foforo Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadi mu. Bere biara, na Lewifo dodow a wɔfata wɔ hɔ a wɔsom wɔ Awurade anim.

32Ɛno nti, Lewifo no a na wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu kɔɔ so som wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokwaredi yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade fi.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志上 23:1-32

利未人的职务

1大卫年纪老迈,寿数将尽,就立他儿子所罗门以色列王。 2他召集了以色列的众首领、祭司和利未人。 3凡三十岁以上的利未人都在统计之列,共有三万八千男子, 4其中有两万四千人在耶和华的殿里司职,六千人做官长和审判官, 5四千人守门,四千人用大卫提供的乐器颂赞耶和华。 6大卫利未革顺哥辖米拉利的子孙分成班次。

7革顺的儿子有拉但示每8拉但有长子耶歇,还有细坦约珥,共三个儿子, 9都是拉但族的族长。示每的儿子有示罗密哈薛哈兰三人。 10示每的儿子还有雅哈细拿耶乌施比利亚四人。 11雅哈是长子,细拿是次子。耶乌施比利亚的子孙不多,所以合为一族。

12哥辖暗兰以斯哈希伯仑乌薛四个儿子。 13暗兰的儿子是亚伦摩西亚伦和他的子孙永远被分别出来事奉耶和华,向祂献至圣之物,在祂面前烧香,奉祂的名祝福,直到永远。 14上帝的仆人摩西的子孙归在利未支派的名下。 15摩西的儿子是革舜以利以谢16革舜的长子是细布业17以利以谢只有一个儿子利哈比雅,但利哈比雅子孙众多。 18以斯哈的长子是示罗密19希伯仑的长子是耶利雅,次子是亚玛利亚,三子是雅哈悉,四子是耶加缅20乌薛的长子是米迦,次子是耶西雅

21米拉利的儿子是抹利姆示抹利的儿子是以利亚撒基士22以利亚撒终生没有儿子,只有女儿,同族人基士的儿子娶了她们为妻。 23姆示的三个儿子是末力以得耶利摩24以上是利未各宗族的子孙,他们登记在各自族长的名下,凡二十岁以上的男子都在耶和华的殿里任职。 25大卫说:“以色列的上帝耶和华已使祂的子民安享太平,祂永远住在耶路撒冷26利未人再不用抬圣幕和其中的器皿了。” 27按照大卫临终时的嘱咐,二十岁以上的利未人都已被统计。 28他们的任务是帮助亚伦的子孙在耶和华的殿里司职,管理殿的院子和厢房,负责洁净圣物等事务。 29他们还负责供饼、做素祭的细面粉、无酵薄饼的调和、烤制、分量和尺寸。 30他们每天早晚要肃立、颂赞耶和华, 31每逢安息日、朔日23:31 朔日”即每月初一。或其他节期,他们要按照规定的数目将燔祭献给耶和华, 32并负责看守会幕和圣所,帮助他们的亲族——亚伦的子孙在耶和华的殿里供职。