1 Beresosɛm 21 – AKCB & NRT

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 21:1-30

Dawid Kan Nnipa

1Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, maa Dawid kan Israelfo. 2Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene sɛ, “Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa efi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodow mmrɛ me, na ɛmma minhu wɔn ano.”

3Na Yoab kae se, “Awurade mmɔ ne nkurɔfo no dodow ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”

4Nanso ɔhene no kae se, nea ɛte biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kan nnipa no. Na ɔsan baa Yerusalem 5bɛkaa nnipa no dodow kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodow yɛ mmarima ɔpepem baako ne mpem ɔha a wɔaso ɔsakɔ wɔ Israel ne mpem ahannan aduɔson wɔ Yuda.

6Nanso Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuw anka nnipakan no ho, efisɛ na nea ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahometew.

Dawid Bɔne Ho Atemmu

7Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa, enti ɔtwee Israel aso wɔ ho. 8Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mayɛ bɔne kɛse. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseade a mayɛ no kyɛ me.”

9Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehufo no se, 10“Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Merema wo nsɛm ahorow abiɛsa. Paw emu baako na menyɛ ntia wo.’ ”

11Enti Gad baa Dawid nkyɛn bɛkae se, “Sɛnea Awurade se ni: ‘Paw emu nea wopɛ: 12mfe abiɛsa a ɔkɔm kɛse bɛba anaa asram abiɛsa a wʼatamfo bekunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yiye a, Awurade bɔfo nam so de ɔsɛe bɛba Israel asase so.’ Afei dwene eyi ho, na ma minhu mmuae ko a memfa nkɔma Awurade.”

13Dawid buaa Gad se, “Mewɔ ahohiahia mu. Ma mentɔ Awurade nsam, efisɛ nʼahummɔbɔ no so. Mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”

14Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa mpem aduɔson wuwui. 15Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfo sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na bɔfo no reyɛ no, Awurade nyaa ahummɔbɔ ka kyerɛɛ owu ɔbɔfo no se, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa bere no na ɔbɔfo no gyina Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.

16Dawid pagyaw nʼani huu sɛ Awurade bɔfo no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼafoa de akyerɛ Yerusalem so. Enti Dawid ne Israel mpanyimfo furaa atweaatam de kyerɛɛ wɔn ahoyeraw, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ.

17Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Me na mede nnipakan no ho asɛm bae! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfo yi de, ɛso bi nna wɔn so. Dɛn na wɔayɛ? Awurade me Nyankopɔn, ma wʼabufuw mmra me ne me fifo so, na nsɛe wo nkurɔfo.”

Dawid Si Afɔremuka

18Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Gad se ɔnka nkyerɛ Dawid mma onsi afɔremuka mma Awurade wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. 19Na Dawid yɛɛ nea Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no. 20Arauna a saa bere no na nʼani abere reporow nʼatoko so no dan ne ho huu ɔbɔfo no wɔ hɔ. Ne mmabarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no guan kohintawee. 21Bere a Arauna huu sɛ ɔhene Dawid reba awiporowbea hɔ no, ofi hɔ kɔkotow nʼanim.

22Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna se, “Tɔn awiporowbea yi ma me sɛnea ne bo te. Na mesi afɔremuka ama Awurade wɔ hɔ sɛnea obesiw ɔyaredɔm no ano.”

23Arauna ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa, me wura, na fa yɛ nea wopɛ. Anantwi a wode bɛbɔ afɔre ni. Wubetumi de awiporowbea nnua yi ayɛ nnyina de asɔ gya wɔ afɔremuka no so. Fa atoko no nso bɔ atoko afɔre. Mede ne nyinaa bɛma wo.”

24Na ɔhene no buaa Arauna se, “Dabi! Mepɛ sɛ mitua nea ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapade mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyew afɔre a memmɔɔ ho ka.”

25Enti Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram ason maa Arauna, de tɔɔ awiporowbea no. 26Dawid sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade, bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpae no, Awurade tiee no, nam so de ogya fi soro bɛhyew afɔrebɔde a ɛwɔ afɔremuka no so no.

27Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfo no ma ɔsan de nʼafoa no hyɛɛ ne boha mu. 28Bere a Dawid huu sɛ Awurade atie ne mpaebɔ no, ɔbɔɔ afɔre pii wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. 29Saa bere no na Awurade Ahyiae Ntamadan ne afɔremuka a Mose sii wɔ sare so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ. 30Nanso Dawid antumi ankɔ hɔ ankobisa Onyankopɔn ase, efisɛ afoa a Awurade bɔfo no twee no bɔɔ no hu.

New Russian Translation

1 Паралипоменон 21:1-30

Господь наказывает Давида за перепись

(2 Цар. 24:1-17)

1Сатана21:1 Сатана – это имя переводится как «противник», «обвинитель». восстал на Израиль и возбудил Давида устроить перепись Израиля. 2Давид сказал Иоаву и начальникам войска:

– Пойдите произведите перепись израильтян от Вирсавии до Дана и доложите мне, чтобы я знал, сколько их.

3Но Иоав ответил:

– Пусть Господь умножит Свой народ стократно. Разве не все они, господин мой царь, твои слуги? Зачем мой господин хочет это сделать? Зачем ему навлекать вину на Израиль?

4Но царское слово оказалось сильнее слова Иоава, и Иоав ушел, прошел по всему Израилю и вернулся в Иерусалим. 5Иоав доложил Давиду о результатах переписи. Во всем Израиле было один миллион сто тысяч мужчин, способных владеть мечом, включая четыреста семьдесят тысяч в Иудее. 6Иоав не включил в общее число роды Левия и Вениамина, потому что приказ царя ему не понравился. 7Этот приказ был неугоден и Богу, и Он наказал Израиль.

8Тогда Давид сказал Богу:

– Сделав это, я совершил великий грех. Теперь я молю Тебя, сними вину с Твоего слуги! Я поступил очень безрассудно.

9Господь сказал Гаду, провидцу Давида:

10– Иди и скажи Давиду: «Так говорит Господь: Я предлагаю тебе три наказания. Выбери одно из них, чтобы Мне послать его тебе».

11Гад пришел к Давиду и сказал ему:

– Так говорит Господь: «Выбирай: 12или три года голода, или три месяца опустошения врагами, когда их меч будет неотступно преследовать тебя, или три дня Господнего меча – это дни мора в стране, когда Ангел Господень станет губить людей по всей земле Израиля». Итак, обдумай, чтобы я мог ответить Пославшему меня.

13Давид сказал Гаду:

– Мне очень тяжело, но пусть лучше я попаду в руки Господа, ведь Его милость очень велика, но не дай мне попасть в человеческие руки.

14И Господь послал на Израиль мор, и погибло семьдесят тысяч израильтян. 15Бог послал Ангела, чтобы истреблять Иерусалим. Но когда Он стал истреблять город, Господь увидел, пожалел о бедствии и сказал Ангелу, Который разил народ:

– Довольно! Опусти свою руку.

Ангел Господень21:15 Ангел Господень – этот особенный Ангел отождествляется с Самим Господом. Многие толкователи видят в Нем явления Иисуса Христа до Его воплощения. в то время стоял над гумном иевусея Орны. 16Давид поднял взгляд и увидел Ангела Господня, Который стоял между землей и небом с обнаженным мечом в руке, протянутым в сторону Иерусалима. И Давид со старейшинами, одетыми в рубище, пали лицом на землю.

17Давид сказал Богу:

– Разве не я велел пересчитать народ? Я согрешил и сделал зло, а эти овцы – что они сделали? Господи, Боже мой, пусть же Твоя рука обратится на меня и на мою семью, но не дай Твоему народу сгинуть от мора.

Давид сооружает жертвенник

(2 Цар. 24:18-25)

18Тогда Ангел Господень повелел Гаду сказать Давиду, чтобы тот пошел и построил жертвенник Господу на гумне иевусея Орны. 19И Давид пошел в послушании слову, которое произнес Гад во имя Господа.

20Когда Орна молотил пшеницу, он обернулся и увидел Ангела. Четверо сыновей Орны, которые были с ним, попрятались. 21Тогда Давид пришел к Орне и когда Орна посмотрел и увидел Давида, он вышел из гумна и поклонился Давиду, коснувшись лицом земли.

22Давид сказал ему:

– Отдай мне свое гумно, я построю на его месте жертвенник Господу, чтобы прекратился мор среди народа. Продай его мне за полную цену.

23Орна сказал Давиду:

– Бери его! Пусть господин мой царь делает то, что ему угодно. Вот, я отдаю волов для всесожжения, молотильную доску на дрова и пшеницу для хлебного приношения. Я отдаю все это.

24Но царь Давид ответил Орне:

– Нет, я заплачу тебе полную цену. Я не возьму для Господа того, что принадлежит тебе, и не стану приносить всесожжения, которое мне ничего не стоило.

25Давид заплатил Орне шестьсот шекелей21:25 Около 7 кг. золота за это место. 26Давид построил там жертвенник Господу и принес всесожжения и жертвы примирения. Он призвал Господа, и Господь ответил ему, послав огонь с небес на жертвенник для всесожжений. 27После этого Господь сказал Ангелу, и Тот вложил Свой меч в ножны.

28В то время, увидев, что Господь ответил ему на гумне иевусея Орны, Давид стал приносить Ему там жертвы. 29Скиния Господа, которую сделал в пустыне Моисей, и жертвенник для всесожжений находились в то время на возвышенности в Гаваоне. 30Давид не мог пойти туда, чтобы говорить с Господом, потому что боялся меча Ангела Господнего.