1 Beresosɛm 2 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 2:1-55

Israel Awo Ntoatoaso

1Israel mmabarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon, 2Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.

Yuda Asefo

3Yuda ne Kanaannibea Bat-Sua woo mmabarima baasa.

Na wɔn din de Er, Onan ne Sela.

Nanso na abakan Er no yɛ omumɔyɛfo nti, Awurade kum no.

4Akyiri no, Yuda ne nʼase kunafo Tamar woo nta. Na wɔn din de Peres ne Serah.

Enti Yuda woo mmabarima baanum.

5Na Peres mmabarima din de

Hesron ne Hamul.

6Serah mmabarima din de

Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ baanum.

7Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefo no mu baako nam fa a ɔfaa asade a wogyaw maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfo so.

8Na Etan babarima ne

Asaria.

Efi Yuda Nana Barima Hesron So Kosi Dawid So

9Hesron mmabarima din de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.

10Ram yɛ Aminadab agya.

Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.

11Nahson yɛ Salma agya.

Na Salma nso yɛ Boas agya.

12Boas yɛ Obed agya.

Obed yɛ Yisai agya.

13Yisai abakan yɛ Eliab nea ɔto so abien yɛ Abinadab na nea ɔto so abiɛsa yɛ Simea. 14Na nea ɔto so anan yɛ Netanel na Radai to so anum. 15Ne babarima a ɔto so asia no din de Osem na Dawid na na ɔto so ason. 16Na wɔn nuabeanom din de Seruia ne Abigail.

Na Seruia woo mmabarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.

17Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no din Amasa.

Hesron Babarima Kaleb Asefo

18Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmabarima din de Yeser, Sobab ne Ardon.

19Asuba wu akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no din Hur.

20Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.

21Bere a Hesron dii mfe aduosia no, ɔwaree Gilead nuabea a na ɔyɛ Makir babea. Wɔwoo ɔbabarima too no din Segub.

22Segub woo Yair a odii nkurow aduonu abiɛsa so wɔ Gilead asase so no.

23(Akyiri no, Gesur ne Aram gyee Yair nkurow, san gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)

Na eyinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefo.

24Hesron wuu wɔ kurow Kaleb-Efrata mu akyi no, ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no din Asur (Tekoa agya).

Hesron Ba Yerahmeel Asefo

25Hesron abakan Yerahmeel mmabarima a ɔwoo wɔn no din yɛ

Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya. 26Na Yerahmeel wɔ ɔyere a ɔto so abien a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.

27Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmabarima yɛ

Maas, Yamin ne Eker.

28Onam mmabarima yɛ

Samai ne Yada.

Na Samai mmabarima yɛ

Nadab ne Abisur. 29Na Abisur ne ne yere Abihail mmabarima yɛ Ahban ne Molid.

30Na Nadab mmabarima yɛ

Seled ne Apaim. Seled wui a wanwo mma;

31na Apaim de, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi.

Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.

32Na Samai nuabarima Yada woo

Yeter ne Yonatan. Na Yeter wui a wanwo ba biara,

33nanso Yonatan woo mmabarima baanu a na wɔfrɛ wɔn

Pelet ne Sasa.

Na eyinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefo.

34Na Sesan annya mmabarima, onyaa mmabea.

Na ɔwɔ Misraimni somfo bi a ne din de Yarha. 35Sesan de ne mmabea no mu baako maa Yarha aware na wɔwoo ɔbabarima too no din Atai.

36Atai woo Natan

na Natan woo Sabad.

37Sabad woo Efial.

Efial woo Obed.

38Obed woo Yehu

na Yehu woo Asaria.

39Asaria woo Heles.

Heles woo Eleasa.

40Eleasa woo Sisemai

na Sisemai woo Salum.

41Salum woo Yekamia,

na Yekamia woo Elisama.

Hesron Babarima Kaleb Asefo

42Yerahmeel nua Kaleb

babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya.

Na Kaleb babarima a ɔto so abien din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.

43Na Hebron mmabarima yɛ

Kora, Tapua, Rekem ne Sema.

44Na Sema woo Raham.

Raham woo Yorkeam.

Na Rekem woo Samai.

45Na Samai woo Maon.

Maon woo Bet-Sur.

46Na Kaleb mpena Efa woo

Haran, Mosa ne Gases.

Na Haran woo Gases.

47Na Yahdai mmabarima yɛ

Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.

48Kaleb mpena foforo bi a wɔfrɛ no Maaka woo

Seber ne Tirhana.

49Ɔsan woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya

ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya.

Na Kaleb woo ɔbabea a ne din de Aksa.

50Eyinom nyinaa yɛ Kaleb asefo.

Kaleb Babarima Hur Asefo

Kaleb yere Efrata abakan Hur mmabarima yɛ

Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya 51Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.

52Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmabarima yɛ

Haroe a ne fa yɛ Manahatini 53na ne fa a aka no fi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefo a wɔka ho ne Yitrifo, Putifo, Sumatifo ne Misraimfo, wɔn mu na Sorafo ne Estaolfo fi.

54Salma asefo yɛ

Betlehem, Netofafo, Atrot-Bet-Yoabfo, Manahatafo fa bi, Sorifo, 55ne akyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no, Tirafo, Simeafo ne Sukatfo. Eyinom nyinaa yɛ Kenifo, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefo.

Korean Living Bible

역대상 2:1-55

유다의 자손들

1야곱의 열두 아들은 르우벤, 시므온, 레위, 유다, 잇사갈, 스불론,

2단, 요셉, 베냐민, 납달리, 갓, 아셀이었다.

3유다의 아들은 엘, 오난, 셀라였으며 이들은 가나안 사람 수아의 딸에게서 난 자들이었다. 그러나 맏아들 엘은 사람이 너무 악하였기 때문에 여호와께서 그를 죽이셨다.

4그리고 유다의 며느리 다말이 유다를 통해서 베레스와 세라를 낳았으므로 유다에게는 아들이 모두 다섯이었다.

5베레스의 아들은 헤스론과 하물이며

6세라의 아들은 시므리, 에단, 헤만, 갈골, 다라 모두 다섯 사람이었다.

7그리고 갈미의 아들은 2:7 또는 ‘아갈’아간이었는데 그는 아주 없애 버려야 할 전리품을 감추어 두었다가 이스라엘 백성에게 재앙을 불러일으킨 자였다.

8그리고 에단의 아들은 아사랴였다.

헤스론의 자손들

9헤스론의 아들은 여라므엘, 람, 글루배였으며

10람은 암미나답의 아버지였고 암미나답은 유다 지파의 지도자인 나손의 아버지였다.

11나손은 살마를 낳았고 살마는 보아스를,

12보아스는 오벳을, 오벳은 이새를 낳았다.

13이새에게는 일곱 아들이 있었는데 맏아들 엘리압, 둘째 아비나답, 셋째 시므아,

14넷째 느다넬, 다섯째 랏대,

15여섯째 오셈, 일곱째는 다윗이었다.

16그리고 그들의 누이는 스루야와 아비가일이었으며 스루야의 아들은 아비새, 요압, 아사헬이었고

17아비가일은 이스마엘 사람인 예델과 결혼하여 아마사라는 아들을 낳았다.

18헤스론의 아들 갈렙에게는 아수바와 여리옷이라는 두 아내가 있었으며 아수바가 낳은 아들은 예셀과 소밥과 아르돈이었다.

19그리고 아수바가 죽은 다음에 갈렙은 에브랏과 결혼하였다. 에브랏은 그를 통해 훌이라는 아들을 낳았고

20또 훌은 우리를 낳았으며 우리는 브사렐을 낳았다.

21헤스론은 60세가 되었을 때 길르앗의 아버지인 마길의 딸과 결혼하여 스굽을 낳았고

22스굽은 야일을 낳았으며 야일은 길르앗 땅에서 23개의 성을 다스렸다.

23그러나 그술과 아람이 그에게서 이 성들을 빼앗고 또 그낫과 그 주변 일대의 60개 부락을 빼앗았다. 이들은 모두 길르앗의 아버지인 마길의 후손들이었다.

24헤스론이 죽은 다음에 그의 아들 갈렙이 자기 아버지의 아내였던 에브라다와 결혼하자 에브라다가 아스훌을 낳았으며 그는 후에 드고아의 창설자가 되었다.

25헤스론의 맏아들인 여라므엘의 아들은 맏아들 람과 그리고 브나, 오렌, 오셈, 아히야였다.

26또 여라므엘에겐 아다라라는 다른 아내가 있었는데 그녀는 오남의 어머니였다.

27그리고 람의 아들은 마아스, 야민, 에겔이었으며

28오남의 아들은 삼매와 야다이고 삼매의 아들은 나답과 아비술이었다.

29아비술은 아비하일과 결혼하였으며 그들 사이에는 아반과 몰릿이라는 아들이 태어났다.

30나답의 아들은 셀렛과 압바임이었다. 셀렛은 아들 없이 죽었으나

31압바임에게는 이시라는 아들 하나가 있었다. 그리고 이시의 아들은 세산이며 세산의 아들은 알래였다.

32삼매의 동생 야다에게는 예델과 요나단이라는 두 아들이 있었다. 예델은 자식 없이 죽었으나

33요나단에게는 벨렛과 사사라는 두 아들이 있었다.

34-35그리고 세산에게는 아들이 없고 딸들 만 있었는데 그는 딸 하나를 이집트 사람인 자기 종 야르하에게 주어 아내로 삼게 했으며 그들은 앗대라는 아들을 낳았다.

36그리고 앗대는 나단을 낳았고 나단은 사밧을,

37사밧은 에블랄을, 에블랄은 오벳을,

38오벳은 예후를, 예후는 아사랴를,

39아사랴는 헬레스를, 헬레스는 엘르아사를,

40엘르아사는 시스매를, 시스매는 살룸을,

41살룸은 여가먀를, 여가먀는 엘리사마를 낳았다.

갈렙의 자손들

42여라므엘의 동생인 갈렙의 맏아들은 메사였으며 그는 십을 낳았고 십은 마레사를, 마레사는 헤브론을 낳았다.

43그리고 헤브론의 아들은 고라, 답부아, 레겜, 세마였다.

44세마는 라함을 낳았고 라함은 요르그암을 낳았으며 레겜은 삼매를,

45삼매는 마온을, 마온은 벧 – 술을 낳았다.

46갈렙의 첩인 에바는 하란, 모사, 가세스를 낳았으며 하란에게도 가세스란 아들이 있었다.

47야대의 아들은 레겜, 요담, 게산, 벨렛, 에바, 그리고 사압이었다.

48갈렙의 또 다른 첩인 마아가는 세벨, 디르하나,

49맛만나의 아버지인 사압, 막베나와 기브아의 아버지인 스와를 낳았다. 그리고 갈렙에게는 악사라는 딸이 있었다.

50갈렙의 후손들은 다음과 같다: 갈렙과 그의 아내 에브라다가 낳은 장남 훌의 아들은 기럇 – 여아림의 창설자인 소발,

51베들레헴의 창설자인 살마, 벧 – 가델의 창설자인 하렙이었다.

52기럇 – 여아림의 창설자인 소발은 하로에 사람들과 므누홋 주민 절반의 조상이 되었다.

53그리고 기럇 – 여아림에 살던 씨족들은 이델파, 붓파, 수맛파, 미스라파였는데 이들 씨족에서 소라와 에스다올의 두 집안이 나왔다.

54베들레헴의 창설자인 살마는 느도바 사람, 아다롯 – 벧 – 요압 사람, 마나핫 사람의 절반, 소라 사람들의 조상이었다.

55그리고 야베스에 사는 서기관의 일족은 디랏 사람, 시므앗 사람, 수갓 사람들이었으며 이들은 모두 레갑 가문의 조상인 함맛에게서 나온 겐 씨족이었다.