1 Beresosɛm 11 – AKCB & BPH

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 11:1-47

Dawid Di Israel Nyinaa So Hene

1Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo. 2Mmere tenten bi a atwa mu, mpo bere a Saulo di yɛn so hene no, na wone obi a nokware na wudi Israel anim. Na Awurade, wo Nyankopɔn, aka kyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ oguanhwɛfo ama me nkurɔfo Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifo!’ ”

3Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofo yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛnea Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.

Dawid Ko Fa Yerusalem

4Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛnea na wɔfrɛ hɔ kan no, efisɛ Yebusifo na wɔkɔtenaa asase no so kan kyekyeree. 5Nnipa a wofi Yebus no ka kyerɛɛ Dawid se, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kurow no.

6Dawid ka kyerɛɛ nʼakofo no se, “Mo mu biara a obedi anim na yɛakɔtow ahyɛ Yebusifo no so no na ɔbɛyɛ mʼakofo so sahene.” Na Dawid, nuabea Seruia babarima Yoab dii ɔko no anim, nti ɔbɛyɛɛ Dawid asraafo so sahene.

7Dawid tenaa aban no mu, na ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kurow no. 8Dawid kyekyeree kurow no, trɛw mu fi Milo de twaa ho hyiae, bere a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkae no. 9Na Dawid tumi yɛɛ kɛse, efisɛ na Asafo Awurade ka ne ho.

Dawid Dɔmmarima

10Eyinom ne Dawid dɔmmarima ntuanofo. Wɔne Israel nyinaa bɔɔ mu, sii gyinae sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so hene sɛnea Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no. 11Dawid dɔmmarima no ho nsɛm ni: Nea odi kan no ne Yasobeam a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ dɔmmarima akatakyi a na wɔwɔ Dawid asraafo mu. Bere bi ɔde ne peaw kunkum atamfo ahaasa wɔ akodi baako mu.

12Nea ɔto so abien wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahoa aseni. 13Bere a Dawid sɔre tiaa Filistifo wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuw nko, na Israel asraafo no guanee. 14Nanso Eleasar ne Dawid gyinaa wɔn anan so wɔ afuw no mfimfini, bɔɔ Filistifo no gui. Na Awurade ma wodii nkonim de gyee wɔn.

15Da bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifo asraafo akyere nsraban wɔ Refaim bon mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wonim de wɔ Dawid asraafo mu no sian kohyiaa no wɔ hɔ. 16Saa bere no na Dawid te ɔko ahintawee mu hɔ a na Filistifo asraafokuw bi akɔtena Betlehem. 17Dawid fi akɔnnɔ mu kae se, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; nea ɛbɛn ɔpon ano no bi.” 18Enti Baasa no bɔ wuraa Filistifo no mu, kɔsaw abura no mu nsu no bi de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid annom. Mmom, ohwie guu Awurade anim 19teɛɛ mu se, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsu yi. Ɛsom bo sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre kɔsaw brɛɛ me no mogya.” Enti Dawid annom. Eyi yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛso.

Dawid Dɔmmarima Aduasa No

20Yoab nuabarima Abisai na na otua Aduasa no ano. Ɔko baako bi mu no, ɔde ne peaw kunkum atamfo no mu ahaasa. Saa mmaninsɛm yi nti na ogyee din sɛ Baasa no. 21Abisai na na ne din ahyeta yiye wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nso na ɔnka Baasa no ho.

22Na Yehoiada babarima Benaia a ofi Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmarimasɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ okunkum Moab akofo akɛse baanu bi. Bere foforo bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro nanso ɔkyeree gyata no kum no. 23Da bi a na okura kontibaa nko ara no, okum Misraimni ɔkofo bi a na ne tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Na ne peaw no mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo nsadua. Benaia huam peaw no fii Misraimni no nsam, de kum no. 24Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no. 25Wɔhyɛɛ no anuonyam sen nkae a wɔka Aduasa no ho no, nso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfo no so sahene.

26Nnipa a na wɔka Dawid dɔmmarima no ho ni:

Yoab nuabarima Asahel;

Dodo babarima Elhanan a ofi Betlehem;

27Samot a ofi Harori;

Heles a ofi Pelon;

28Ikes babarima Ira a ofi Tekoa;

Abieser a ofi Anatot;

29Sibekai a ofi Husa;

Salmon a ofi Ahoa;

30Maharai a ofi Netofa;

Baana a ofi Netofa babarima Heled;

31Ribai a ofi Gibea babarima Itai (wofi Benyamin abusuakuw mu); Benaia a ofi Piraton;

32Hurai a ofi baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas;

Abiel a ofi Araba.

33Asmawet a ofi Baharum;

Eliahba a ofi Saalbon.

34Hasem mmabarima a wofi Gison;

Sage babarima Yonatan a ofi Harar.

35Sakar babarima Ahiam a ofi Harar;

Ur babarima Elifar.

36Hefer a ofi Mekera;

Ahiya a ofi Pelon.

37Hesro a ofi Karmel;

Esbai babarima Naarai.

38Natan nuabarima Yoel;

Hagri babarima Mibhar.

39Selek a ofi Amon;

Naharai a ofi Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodekurafo);

40Ira a ofi Yitri;

Gareb a ofi Yitri;

41Hetini Uria;

Ahlai babarima Sabad;

42Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfo ano, a na mmarima aduasa ka ne ho;

43Maaka babarima Hanan;

Yosafat a ofi Mitna;

44Usia a ofi Astera;

Hotam a ofi Aroer mmabarima Sama ne Yeiel;

45Simri babarima Yediael;

Yoha ne nuabarima a ofi Tis;

46Eliel a ofi Mahawi;

Elnaam mmabarima Yeribai ne Yosawia;

Yitma a ofi Moab;

47Eliel ne Obed;

Yaasiel a ofi Soba.

Bibelen på hverdagsdansk

1. Krønikebog 11:1-47

David bliver konge over Israel

2.Sam. 5,1-3

1Alle Israels ledere kom nu til David i Hebron. „Vi tilhører jo et og samme folk,” sagde de. 2„Og du har altid været vores leder i krig—selv da Saul var konge! Det er Herren selv, der har sagt, at du skal være hyrde og leder for hele hans folk.” 3Derpå sluttede alle Israels ledere en venskabspagt med David for Herrens ansigt, og de salvede ham til konge over Israel, sådan som Herren gennem profeten Samuel havde sagt, at det ville ske.

David indtager Jerusalem

2.Sam. 5,6-10

4Derefter drog David sammen med sine folk til Jerusalem, som dengang hed Jebus. Men jebusitterne, som boede der, 5sagde til David: „Her kommer du aldrig ind!” Ikke desto mindre indtog David klippeborgen Zion, som derefter blev kaldt Davidsbyen.

6David havde lovet, at den, der først slog en jebusit ihjel, ville blive hans hærfører. Da Joab, hvis mor hed Zeruja, var den første, som nåede ind i byen og slog en af fjenderne ihjel, blev han anfører for Davids hær.

7David flyttede nu sin residens til klippeborgen, som derfor blev kaldt Davidsbyen. 8Han udbyggede byen og befæstede bymuren hele vejen rundt fra forsvarstårnet. Resten af byens genopbygning tog Joab sig af. 9I de følgende år styrkede David sit kongedømme, for Herren, den Almægtige, var med ham.

Davids krigshelte

2.Sam. 23,8-39

10Her skal nævnes nogle af de dygtigste og tapreste af Davids krigere, der sammen med resten af Israels ledere støttede ham, så han blev valgt til konge og fik magten over riget, sådan som Herren havde lovet.

11Jashobeam, søn af Hakmoni, var den mest berømte af de tre store helte. Med sit spyd dræbte han engang 300 modstandere i ét slag.

12Den næste af de tre store var Elazar, en søn af ahohitten Dodo. 13Han kæmpede sammen med David i slaget mod filistrene ved Pas-Dammim. Kampen foregik midt i en bygmark, og den israelitiske hær flygtede. 14Men Elazar og hans mænd holdt stand og huggede filistrene ned. Den dag gav Herren israelitterne en stor sejr.

15Foruden de tre store helte var der en større gruppe tapre krigere, som blev kaldt „De Tredive”. Engang da David opholdt sig ved Adullams klippehule, og filistrenes hær havde slået lejr i Refaimdalen, drog tre af „De Tredive” tapre krigere ned til David. 16Han opholdt sig som sagt i klippeborgen, mens en af filistrenes garnisoner havde besat Betlehem, som lå i nærheden. 17David var tørstig og sagde henkastet: „Det kunne være skønt med et krus vand fra brønden ved byporten hjemme i Betlehem!” 18Da sneg de tre mænd sig gennem filistrenes lejr, øste vand fra brønden ved byporten og bragte det til David. Men han kunne ikke få sig selv til at drikke det. I stedet hældte han det ud på jorden som et offer til Herren. 19„Gud forbyde, at jeg skulle drikke det!” udbrød han. „Det ville jo være som at drikke de tre mænds blod, der satte livet på spil for at hente det!” Derfor drak han det ikke. Det er blot ét eksempel på de tre heltes vovemod.

20-21Abishaj, Joabs bror, var anfører for „De Tredive”. Engang dræbte han 300 fjendtlige soldater med sit spyd! Det var på grund af sådanne heltegerninger, at „De Tredive” så op til ham som deres anfører, men han kom ikke på højde med de tre store helte.

22Benaja, Jojadas søn fra Kabtze’el, var en anden heltemodig kriger. Det var ham, der dræbte Ariels to sønner, kæmperne fra Moab. Det var også ham, der kravlede ned i en cisterne og dræbte en løve en dag, hvor det sneede. 23Ved en anden lejlighed gik han løs på en egyptisk kæmpe, der var næsten to og en halv meter høj og havde et enormt spyd. Benaja slog spyddet ud af hånden på ham med sin stok og dræbte ham med det. 24Det var den slags heltegerninger, som gjorde Benaja lige så berømt som de tre store helte, 25selv om han ikke regnedes med blandt dem. Men „De Tredive” så op til ham, og David udnævnte ham til chef for sin livvagt.

26-47Her følger en liste over Davids heltemodige krigere: Asael, Joabs bror; Elhanan, Dodos søn fra Betlehem; Shammot fra Harod; Heletz fra Pelon; Ira, Ikkesh’ søn fra Tekoa; Abiezer fra Anatot; Sibbekaj fra Husha; Ilaj fra Ahoa; Maharaj fra Netofa; Heled, Ba’anas søn fra Netofa; Ittaj, Ribajs søn fra Gibea i Benjamins land; Benaja fra Piraton; Huraj fra Ga’ashkløften; Abiel fra Arba; Azmavet fra Baharum; Eljahba fra Sha’albon; Jashens sønner fra Gizon; Jonatan, Shages søn fra Harar; Ahiam, Sakars søn fra Harar; Elifal, Urs søn; Hefer fra Mekera; Ahija fra Pelon; Hetzro fra Karmel; Na’araj, Ezbajs søn; Joel, Natans bror; Mibhar, Hagris søn; Zelek fra Ammon; Nahraj, Joabs våbendrager, fra Be’erot; Ira fra Jattir; Gareb fra Jattir; hittitten Urias; Zabad, Ahlajs søn; Adina, Shizas søn—en leder fra Rubens stamme med 30 krigere under sig; Hanan, Ma’akas søn; Joshafat fra Mitan; Uzzija fra Ashtarot; Shama og Jeuel, Hotams sønner fra Aroer; Jediael, Shimris søn; Joha, hans bror fra Titz; Eliel fra Mahava; Jeribaj og Joshavja, Elna’ams sønner; Jitma fra Moab; og endelig Eliel, Obed og Ja’asiel fra Zoba.