1 Beresosɛm 1 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 1:1-54

Efi Adam So Kosi Noa Mma So

1Adam asefo yɛ Set, Enos,

2Kenan, Mahalalel, Yared,

3Henok, Metusela, Lamek,

4Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.

Yafet Asefo

5Na Yafet asefo ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

6Na Gomer asefo ne Askenas, Rifat ne Togarma.

7Na Yawan asefo ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

Ham Asefo

8Na Ham asefo ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

9Na Kus asefo ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo yɛ Saba ne Dedan. 10Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so.

11Na Misraim woo

Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo, 12Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.

13Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het, 14Yebusifo, Amorifo, Girgasifo, 15Hewifo, Arkifo, Sinifo, 16Arwadfo, Semarifo ne Hamatifo tete agya.

Sem Asefo

17Na Sem asefo yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

Aram asefo ne Us, Hul, Geter ne Mas.

18Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber. 19Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.

20Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, 21Hadoram, Usal, Dikla, 22Obal, Abimael, Seba, 23Ofir, Hawila ne Yobab. Eyinom nyinaa yɛ Yoktan asefo.

24Ɛno nti, eyi ne anato a efi Sem: Arfaksad, Selah, 25Eber, Peleg, Reu, 26Serug, Nahor, Tera, 27ne Abram a akyiri no, wɔfrɛɛ no Abraham no.

Abraham Asefo

28Abraham mmabarima yɛ Isak ne Ismael.

29Na Ismael mmabarima nso ne

Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam, 30Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, 31Yetur, Nafis ne Kedema.

Eyinom ne Ismael mmabarima.

32Na Abraham mpena Ketura mmabarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.

Na Yoksan asefo yɛ Seba ne Dedan.

33Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa.

Eyinom nyinaa yɛ Ketura asefo.

Isak Asefo

34Abraham woo Isak. Isak mmabarima yɛ Esau ne Israel.1.34 Israel: Eyi ne din a Onyankopɔn de too Yakob

Esau Asefo

35Na Esau mmabarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.

36Na Elifas mmabarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.

37Na Reuel mmabarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa.

Edomfo Abɔse

38Na Seir mmabarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.

39Na Lotan mmabarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabea din de Timna.

40Na Sobal mmabarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam.

Sibeon mmabarima yɛ Aya ne Ana.

41Na Ana babarima yɛ Dison.

Na Dison mma yɛ Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

42Na Eser mmabarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan.

Na Disan mmabarima yɛ Us ne Aran.

Edom Sodifo

43Eyinom ne ahemfo a wodii Edom so ansa na Israelfo renya ahemfo:

Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii hene.

44Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.

45Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.

46Husam wu akyi no, Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.

47Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

48Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.

49Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.

50Baal-Hanan wui no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii hene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babea ne Me-Sahab nso nena. 51Na Hadad nso wui.

Na Edom mmusua no ntuanofo ne

Timna, Alia, Yetet, 52Oholibama, Ela, Pinon, 53Kenas, Teman, Mibsar, 54Magdiel ne Iram.

Eyinom na na wɔyɛ Edom mmusua ntuanofo.