Ɛster 6 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛster 6:1-14

Ɔhene Bɔ Mordekai Aba So

1Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, nti ɔmaa ɔsomfo bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa bae sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no. 2Ohuu sɛnea Mordekai kɔdaa pɔwbɔ bi adi, nea Bigtana ne Teres a na wɔyɛ piamfo baanu a na wɔwɛn ɔhene no apon ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpam ɔhene no ti so sɛ wobekum no. 3Ɔhene no bisae se, “Dɛn akatua anaa nkae ade bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ eyi ho?” Asomfo no buae se, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ.”

4Ɔhene no bisae se, “Hena na ɔhyɛ akyi hɔ adiwo hɔ no?” Ɛbae sɛ, na afei na Haman abedu ahemfi adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so.

5Nʼasomfo no buaa ɔhene no se, “Haman na ɔhyɛ hɔ.”

Ɔhene no kae se, “Momfa no mmra mu.”

6Enti Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisae se, “Dɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokware, ɔsɔ mʼani no anuonyam?”

Haman bisaa ne ho se, “Hena na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no anuonyam sen me?” 7Enti obuae se, “Sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ obi anuonyam a, 8ɛsɛ sɛ ɔde nʼankasa ahentade mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehye nsɛnkyerɛnne bɔ ne moma so no ba. 9Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a odi mu yiye, na ɔmfa ahentade nhyɛ no, na onni nʼanim mfa no mmra aguabɔbea hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum se, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no!’ ”

10Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Eye koraa! Ka wo ho kɔfa ahentade no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛnea wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfi pon ano no. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.”

11Enti Haman faa ahentade no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kurow no aguabɔbea hɔ a na ɔpae di nʼanim se, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no.”

12Akyiri no, Mordekai san kɔɔ ahemfi hɔ pon no ano, na Haman de ɔyaw a ano yɛ den ne aniwu yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. 13Bere a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amanneɛ no, wɔkae se, “Esiane sɛ Mordekai a oguu wʼanim ase yi yɛ Yudani nti, nhyehyɛe biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yiye. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.” 14Bere a wogu so rekasa no, ɔhene piamfo no bae sɛ wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster aponto a wasiesie no ase.

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛster 6:1-14

Ɔhene Bɔ Mordekai Aba So

1Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, enti ɔmaa ɔsomfoɔ bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa baeɛ sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no. 2Ɔhunuu sɛdeɛ Mordekai kɔdaa atirisopam bi adi, deɛ Bigtana ne Teres a na wɔyɛ apiafoɔ baanu a na wɔwɛn ɔhene no apono ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpamm ɔhene no tiri so sɛ wɔbɛkum no. 3Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn akatua anaa nkaeɛ adeɛ bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ yei ho?” Asomfoɔ no buaa sɛ, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no.”

4Ɔhene no bisaa sɛ, “Hwan na ɔhyɛ akyire hɔ adihɔ hɔ no?” Ɛbaa sɛ, na afei na Haman abɛduru ahemfie adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so.

5Nʼasomfoɔ no buaa ɔhene no sɛ, “Haman na ɔhyɛ hɔ.”

Ɔhene no kaa sɛ, “Momfa no mmra mu.”

6Enti, Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokorɛm, ɔsɔ mʼani no animuonyam?”

Haman bisaa ne ho sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no animuonyam sene me?” 7Enti, ɔbuaa sɛ, “Sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ obi animuonyam a, 8ɛsɛ sɛ ɔde nʼankasa ahentadeɛ mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehyeɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɔ ne moma so ba. 9Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a ɔdi mu yie, na ɔmfa ahentadeɛ nhyɛ no, na ɔnni nʼanim mfa no mmra adwaberem hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum sɛ, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no!’ ”

10Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ, “Ɛyɛ koraa! Ka wo ho kɔfa ahentadeɛ no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛdeɛ wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfie ɛpono ano no. Mma wo werɛ mfiri sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.”

11Enti, Haman faa ahentadeɛ no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kuro no adwaberem hɔ a na ɔpae di nʼanim sɛ, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no.”

12Akyire yi, Mordekai sane kɔɔ ahemfie hɔ ɛpono no ano, na Haman de ɔyea a ano yɛ den ne aniwuo yɛɛ ntɛm kɔɔ efie. 13Ɛberɛ a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amaneɛ no, wɔkaa sɛ, “Esiane sɛ Mordekai a ɔguu wʼanim ase yi yɛ Yudani enti, nhyehyɛeɛ biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yie. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.” 14Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, ɔhene apiafoɔ no baeɛ sɛ, wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster apontoɔ a wasiesie no ase.