Ɛsra 4 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛsra 4:1-24

Atamfo Sɔre Tia Asɔredan No Asiesie

1Yuda ne Benyamin4.1 Na Benyaminfo yɛ Samariafo. atamfo no tee sɛ wɔn a wotwaa wɔn asu no resiesie Awurade, Israel Nyankopɔn, asɔredan no. 2Enti wɔkɔɔ Serubabel ne ntuanofo no a wɔaka no nkyɛn, na wɔkae se, “Momma yɛne mo nsi, efisɛ yɛsom mo Nyankopɔn sɛnea mosom no no. Efi bere a Asiriahene Esarhadon de yɛn baa ha yi, yɛabɔ afɔre ama no.”

3Na Serubabel, Yesua ne Israel ntuanofo bi buae se, “Munni kyɛfa wɔ saa dwuma yi di mu, efisɛ yɛne mo nni hwee yɛ. Yɛn nko ara na yebesi Awurade, Israel Nyankopɔn, asɔredan no sɛnea Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.”

4Na ɔmanfo no pɛɛ sɛ wobu Yudafo no aba mu na wohunahunaa wɔn wɔ adwuma no yɛ ho. 5Wɔhyɛɛ ananmusifo bi afono mu sɛ wɔnhaw wɔn na wɔnsɛe wɔn botae no. Eyi kɔɔ so wɔ Persiahene Kores ahenni nyinaa mu kosii bere a Persiahene Dario bedii ahengua no.

6Bere a Ahasweros dii ade mfe kakraa bi akyi no, Yudafo atamfo kyerɛw no krataa, bɔɔ kwaadu tiaa Yuda ne Yerusalem.

7Na ɛno akyi no mpo, Persiahene Artasasta bere so no, Yuda atamfo a Bislam, Mitredat ne Tabeel di anim, kyerɛw krataa wɔ Arameike kasa mu kɔmaa Artasasta, na wɔkyerɛɛ ase kyerɛɛ ɔhene no.

8Amrado Rehum ne Simsai a ɔyɛ asennii kyerɛwfo kyerɛw krataa kɔkyerɛɛ ɔhene Artasasta sɛnea ɔman Yerusalem mu te.

9Wokyiaa ɔhene no ma ɛkɔtoo wɔn a wɔne wɔn bɔ, atemmufo ne ɔman no mu ntuanofo, Tarpela manfo, Persiafo, Babelfo ne Elamfo. 10Wɔsan kyiaa nnipa a wɔaka no a ɔkɛse ne otitiriw Asurbanipa atwa wɔn asu, de wɔn akogu Samaria ne nsase a atwa hɔ ahyia wɔ asu Eufrate atɔe fam no so no.

11Eyi yɛ krataa a wɔde kɔmaa no no nsɛso:

Efi wʼasomfo a wɔwɔ asu Eufrate agya no nkyɛn de kɔma Artasasta:

12Yɛrebɔ wo amanneɛ sɛ, Yudafo a wofi Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie atuatewfo ne abɔnefo kurow no. Wɔato afasu no fapem dedaw, na ɛrenkyɛ na wɔawie.

13Na yɛpɛ sɛ wote sɛ, sɛ wosiesie kurow yi ne nʼafasu no wie a, ɛremmoa wo koraa, efisɛ Yudafo no rentua wɔn tow ne aguade biara mma wo. 14Esiane sɛ yɛyɛ wʼasomfo nokwafo nti, yɛmpɛ sɛ wʼanim begu ase wɔ saa kwan yi so nti na yɛrebɔ wo saa amanneɛ yi. 15Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hu sɛnea saa kurow yi yɛɛ atuatew kurow tete no. Nokware ni, wɔsɛee no, esiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛe sɛ wodi wɔn so no nti. 16Yɛpae mu ka se, sɛ wosiesie kurow yi na wowie nʼafasu no a, wobɛhwere asu Eufrate agya asase no.

17Artasasta mmuae ni:

Mede krataa yi kɔma amrado Rehum, asennii kyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo a wɔte Samaria ne wɔn a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa.

18Mikyia mo nyinaa. Krataa a mokyerɛwee no, wɔakyerɛ ase, akenkan akyerɛ me. 19Mahyɛ sɛ wɔnkɔyɛ nkrataa mu mpɛnsɛnpɛnsɛnmu, na mahu sɛ, ampa ara, mmere bi a atwa mu no, na Yerusalem yɛ atuatewman a etiaa ahemfo bebree a na abantugu yɛ ade a wɔyɛ daa wɔ hɔ. 20Ahemfo atumfo a adi ade wɔ Yerusalem ne asu Eufrate agya no nyinaa agye tow ne aguade bebree. 21Ɛno nti, hyɛ na saa nnipa yi nnyae wɔn adwuma. Ɛnsɛ sɛ wosiesie kurow no, gye sɛ mema ho kwan. 22Monntwentwɛn so koraa, efisɛ ɛnsɛ sɛ yɛma asɛm no gye nsam.

23Bere a wɔkenkan saa krataa a efi ɔhene Artasasta nkyɛn kyerɛɛ Rehum, Simsai ne wɔn mfɛfo no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Yerusalem kɔhyɛɛ Yudafo no ma wogyaee adansi no.

24Wogyaee Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho adwumayɛ, wɔ nea adu hɔ ara, kosii Persiahene Dario ahenni afe a ɛto so abien no so.

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛsra 4:1-24

Atamfoɔ Sɔre Tia Asɔredan No Nsiesie

1Yuda ne Benyamin4.1 Na Benyaminfoɔ yɛ Samariafoɔ. atamfoɔ no tee sɛ wɔn a wɔatwa wɔn asuo no resiesie Awurade, Israel Onyankopɔn, asɔredan no. 2Enti, wɔkɔɔ Serubabel ne ntuanofoɔ no a aka no nkyɛn, na wɔkaa sɛ, “Momma yɛne mo nsi, ɛfiri sɛ, yɛsom mo Onyankopɔn sɛdeɛ mosom no no. Ɛfiri ɛberɛ a Asiriahene Esarhadon de yɛn baa ha yi, yɛabɔ afɔdeɛ ama no.”

3Na Serubabel, Yesua ne Israel ntuanofoɔ bi buaa sɛ, “Monni kyɛfa wɔ saa dwuma yi die mu, ɛfiri sɛ, yɛne mo nni hwee yɛ. Yɛn nko ara na yɛbɛsi Awurade, Israel Onyankopɔn asɔredan no sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.”

4Na ɔmanfoɔ no pɛɛ sɛ wɔbu Yudafoɔ no aba mu na wɔhunahunaa wɔn adwuma no yɛ ho. 5Wɔhyɛɛ ananmusifoɔ bi afonom sɛ wɔntia wɔn na wɔnsɛe wɔn botaeɛ. Yei kɔɔ so wɔ Persiahene Kores ahennie nyinaa mu, kɔsii ɛberɛ a Persiahene Dario bɛdii ahennwa no.

6Ɛberɛ a Ahasweros dii adeɛ mfeɛ kakra bi akyi no, Yudafoɔ atamfoɔ twerɛɛ no krataa, bɔɔ kwaadu tiaa Yuda ne Yerusalem.

7Na ɛno akyi no mpo, Persiahene Artasasta berɛ so no, Yuda atamfoɔ a Bislam, Mitredat ne Tabeel di animu, twerɛɛ krataa wɔ Arameike kasa mu kɔmaa Artasasta, na wɔkyerɛɛ aseɛ kyerɛɛ ɔhene no.

8Amrado Rehum ne Simsai a ɔyɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ twerɛɛ krataa kɔkyerɛɛ ɔhene Artasasta sɛdeɛ ɔman Yerusalem mu teɛ.

9Wɔkyeaa ɔhene no, ma ɛkɔtoo wɔn adɔmfoɔ, atemmufoɔ ne ɔman no mu ntuanofoɔ, Tarpela ɔmanfoɔ, Persiafoɔ, Babiloniafoɔ ne Elamfoɔ. 10Wɔsane kyeaa nnipa a aka no a ɔkɛseɛ ne otitire Asurbanipa atwa wɔn asuo, de wɔn akɔgu Samaria ne nsase a atwa hɔ ahyia wɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no so no.

11Yei yɛ krataa no nsɛso a wɔde kɔmaa no:

Ɛfiri wʼasomfoɔ nokwafoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nkyɛn de kɔma Artasasta:

12Yɛsrɛ wo, yɛrebɔ wo amaneɛ sɛ, Yudafoɔ a wɔfiri Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie adɔnyɛfoɔ ne abɔnefoɔ kuro no. Wɔato afasuo no fapem dada, na ɛrenkyɛre na wɔawie.

13Na yɛpɛ sɛ wote sɛ, sɛ wɔsiesie kuro yi ne nʼafasuo no wie a, ɛremmoa wo koraa, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ no rentua wɔn toɔ ne adwadeɛ biara mma wo. 14Esiane sɛ yɛyɛ wʼasomfoɔ nokwafoɔ enti, yɛmpɛ sɛ wʼanim bɛgu ase wɔ saa kwan yi so, enti na yɛrebɔ wo saa amaneɛ yi. 15Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hunu sɛdeɛ saa kuro yi yɛɛ adɔnyɛ kuro tete no. Nokorɛ nie, wɔsɛee no, ɛsiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛɛ sɛ wɔdi wɔn so no enti. 16Yɛpae mu ka sɛ, sɛ wɔsiesie kuro yi na wɔwie nʼafasuo no a, wobɛhwere asuo Eufrate atɔeɛ fam asase no.

17Artasasta mmuaeɛ nie:

Mede krataa yi kɔma amrado Rehum, asɛnniiɛ twerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ a wɔte Samaria ne wɔn a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam nyinaa.

18Mekyea mo nyinaa. Krataa a motwerɛeɛ no, wɔakyerɛ aseɛ, akenkan akyerɛ me. 19Mahyɛ sɛ, wɔnkɔyɛ nkrataa mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu, na mahunu sɛ, ampa ara, mmerɛ bi a atwam no, na Yerusalem yɛ adɔnyɛman a ɛtiaa ahemfo bebree. Nokorɛm, sɛ wɔsɔre tia tumi, na ɔmantuguo yɛ adeɛ a wɔyɛ daa wɔ hɔ. 20Ahemfo atumfoɔ a adi adeɛ Yerusalem ne asuo Eufrate atɔeɛ fam nyinaa agye toɔ ne adwadeɛ bebree. 21Ɛno enti, hyɛ na saa nnipa yi nnyae wɔn adwuma. Ɛnsɛ sɛ wɔsiesie kuro no, gye sɛ mema ho kwan. 22Monntwentwɛn so koraa, ɛfiri sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma asɛm no gye nsam.

23Ɛberɛ a wɔkenkan saa krataa a ɛfiri ɔhene Artasasta nkyɛn kyerɛɛ Rehum, Simsai ne wɔn mfɛfoɔ no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Yerusalem kɔhyɛɛ Yudafoɔ, ma wɔgyaee dansie no.

24Wɔgyaee Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho adwumayɛ, wɔ deɛ aduru hɔ ara, kɔsii Persiahene Dario ahennie mfeɛ a ɛtɔ so mmienu so.