Sefania 1:1-18, Sefania 2:1-15, Sefania 3:1-20 ASCB

Sefania 1:1-18

Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn nie. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ so.

Atemmuo A Ɛtia Yuda

“Mɛpra biribiara afiri asase so”

deɛ Awurade seɛ nie,

“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;

mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiem

ne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa.

Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko ara

sɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,”

deɛ Awurade seɛ nie.

“Mɛtene me nsa wɔ Yuda

ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;

na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,

na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din

wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi,

de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem,

wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam

na wɔde Molek nso ka ntam,

wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridie

na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase.”

Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,

ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn.

Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ;

wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.

Awurade afɔrebɔ ɛda no,

mɛtwe mmapɔmma

ne ahenemma

ne wɔn a wɔhyehyɛ

ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.

Saa ɛda no mɛtwe wɔn

a wɔkwati aponnwa no nyinaa aso.

Wɔn a wɔde akakabensɛm

ne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no.

“Saa ɛda no,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

“Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano,

agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ

na nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba.

Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no

wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase,

dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.

Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu

na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso,

wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no,

a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hwee

sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’

Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ,

na wɔabubu wɔn afie agu.

Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu

wɔbɛyɛ bobe mfuo

nanso wɔrennom emu nsã.”

Awurade Ɛda Kɛseɛ No

Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn,

abɛn na ɛreba ntɛm so.

Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya,

ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.

Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda,

ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda;

ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda,

ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda

ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda,

ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam

a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ

ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda.

“Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so

na wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ,

ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade.

Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo,

na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ.

Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ

rentumi nnye wɔn nkwa

Awurade abufuo ɛda no.”

Ne ninkuntwe mu ogya no

bɛhye ɔman no nyinaa,

na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa

aba awieeɛ mpofirim.

Read More of Sefania 1

Sefania 2:1-15

Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,

Ao, animguaseɛ ɔman,

ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru,

na ɛda no resene te sɛ ntɛtɛ,

ansa na Awurade abufuhyeɛ no

aba mo so,

ansa na Awurade abufuo ɛda no

aba mo so.

Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so,

mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ.

Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ;

ebia ɔbɛkora mo

Awurade abufuo ɛda no.

Atemmuo A Ɛtia Filistia

Wɔbɛgya Gasa

na wɔagya Askelon sɛ kurofo.

Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam

na wɔatutu Ekron ase.

Monnue mo a mote mpoano,

Ao, mo Keretifoɔ;

Awurade asɛm tia mo.

Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase.

Mɛtɔre mo ase,

na obiara renka.

Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ

bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ

ne wɔn nnwammuo.

Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea;

ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea.

Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔ

Askelon afie mu.

Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn,

na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn.

Atemmuo A Ɛtia Moab Ne Amon

“Mate Moab nsopa ne

Amonfoɔ atweetweɛ;

wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ

na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.

Enti, sɛ mete ase yi,”

sɛdeɛ Asafo Awurade,

Israel Onyankopɔn, seɛ nie,

“Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,

na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora,

baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ,

asase a ɛda mpan afebɔɔ.

Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa;

me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.”

Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie,

sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti.

Awurade ho suro bɛba wɔn so

ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.

Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,

wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.

Atemmuo A Ɛtia Kus

“Mo Etiopiafoɔ nso,

mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.”

Atemmuo A Ɛtia Asiria

Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman so

na wasɛe Asiria,

na wama Ninewe ada mpan koraa

na ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so.

Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ,

mmoadoma nyinaa.

Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma

bɛtena nʼadum no so.

Wɔn su bɛgyegye mpomma mu,

mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan,

mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ.

Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisie

na ɛte asomdwoeɛ mu.

Ɔhoahoa ne ho sɛ,

“Me ne no, obiara nte sɛ me.”

Hwɛ sɛ deɛ atete apansam,

na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ!

Obiara a ɔtwam hɔ no sere no,

hugya ne nsa fɛdie so.

Read More of Sefania 2

Sefania 3:1-20

Yerusalem Daakye

Nnome nka nhyɛsofoɔ kuropɔn

atuateɛ kuropɔn a ɛho agu fi!

Ɔnnyɛ ɔsetie mma obiara

ɔnnye nteɛsoɔ biara nto mu.

Ɔmfa ne ho nto Awurade so.

Ɔntwi mmɛn ne Onyankopɔn.

Nʼakandifoɔ yɛ agyata a wɔbobɔ mu,

ne sodifoɔ yɛ mpataku a wɔnam anadwo,

a wɔnnya biribiara mma adekyeɛ.

Ne nkɔmhyɛfoɔ yɛ ahantan;

wɔyɛ afatwafoɔ.

Nʼasɔfoɔ gu kronkronbea ho fi.

Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.

Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni;

ɔnnyɛ mfomsoɔ biara.

Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi,

na ɔnni hwammɔ da,

nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo.

“Masɛe amanaman;

madwiri wɔn abandenden agu.

Wɔn mmorɔno so adeda mpan,

a obiara ntwa mu hɔ.

Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn;

a obi biara renka.

Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ,

‘ampa ara wobɛsuro me

na woagye nteɛsoɔ ato mu!’

Na afei ne tenaberɛ rensɛe,

na mʼasotwe biara nso remma ne so.

Nanso, wɔn ho peree wɔn

sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu.

Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

“na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ.

Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman

ne ahennie ano

na mahwie mʼabufuo agu wɔn so

mʼabufuhyeɛ nyinaa.

Me ninkuntwe abufuo ogya mu no,

asase nyinaa bɛhye.

“Afei mɛdwira nnipa no ano,

na wɔn nyinaa abɔ Awurade din

na wɔaka abɔ mu asom no.

Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no

bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa

de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me.

Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase

wɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho,

ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu,

wɔn a wodi ahantan mu ahurisie

na worenyɛ ahantan bio

wɔ me bepɔ kronkron no so.

Nanso mɛgya wɔ wo mu

wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase,

na wɔde wɔn ho to Awurade so.

Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne

Wɔrenka nkontonpo nsɛm,

na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm

wɔbɛdidi na wɔada

na obiara renyi wɔn hu.”

To dwom Ao, Ɔbabaa Sion;

team denden Ao, Israel!

Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu,

Ao, Ɔbabaa Yerusalem!

Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so,

wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi.

Awurade Israelhene ka wo ho;

worensuro ɔhaw biara bio.

Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ,

“Mma nsuro, Ao Sion!

Mma wo nsa mu nhodwo.

Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ,

Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ.

Nʼani bɛgye wo ho

ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo,

ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.

“Mo awerɛhoɔ to bɛtwa

ɛfiri sɛ mobɛnya ɛkwan adi mo afahyɛ no;

mo anim rengu ase bio.

Saa ɛberɛ no me ne wɔn

a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bɛdi;

Mɛgye mmerɛyɛfoɔ

na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano.

Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn animuonyam

asase biara a wɔguu wɔn anim ase wɔ so no so.

Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano,

na mede wo aba fie.

Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wo

wɔ asase so nnipa nyinaa mu

na mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wo

na wode wʼani bɛhunu,”

sɛdeɛ Awurade ka nie.

Read More of Sefania 3