Adiyisɛm 8:1-13, Adiyisɛm 9:1-12 ASCB

Adiyisɛm 8:1-13

Nsɔano A Ɛtɔ So Nson

Ɛberɛ a Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nson no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwereɛ fa.

Afei mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson.

Ɔbɔfoɔ foforɔ a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhwam adaka bɛgyinaa afɔrebukyia no ho. Wɔmaa no aduhwam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpaeɛ nka Onyankopɔn nkurɔfoɔ no deɛ ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a ɛsi ahennwa no anim no so afɔdeɛ. Aduhwam no hwa ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ mpaeɛ firi abɔfoɔ no nsam kɔɔ soro. Afei, ɔbɔfoɔ no faa aduhwam adaka no de ogya a ɛfiri afɔrebukyia no so hyɛɛ no ma, to twenee asase so. Na aprannaa ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ baeɛ.

Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ntotorobɛnto nson no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛne.

Ɔbɔfoɔ a ɔdi ɛkan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ, ɛnna wira mono nyinaa nso hyeeɛ.

Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto. Wɔtoo biribi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ɛrederɛ twenee ɛpo mu. Ɛpo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya. Na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ ɛpo no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bobɔeɛ.

Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa hyɛnee ne totorobɛnto. Nsoromma kɛseɛ bi a ɛrederɛ sɛ egyatɛn te firi soro bɛhwee nsuo nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mu. Nsoromma no din de “Ɔnwono”. Nsuo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa a wɔnomeeɛ no mu bebree wuwuiɛ ɛfiri sɛ, na ayɛ nwono.

Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako seneeɛ maa no duduruu sum, enti adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.

Na mehwɛeɛ na metee sɛ ɔkɔdeɛ bi a watu nam soro soro teaam sɛ, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wɔnnue, wɔnnue ɛsiane totorobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛn no enti.”

Read More of Adiyisɛm 8

Adiyisɛm 9:1-12

Totorobɛnto A Ɛtɔ So Enum

Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so enum no hyɛnee ne totorobɛnto. Mehunuu nsoromma a wate firi soro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebunu a ase nni awieeɛ safoa. Nsoromma no buee ebunu no, na wisie kumɔnn firii mu sɛ fononoo kɛseɛ bi, na wisie no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. Mmoadabi firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ anyanyankyerɛ. Wɔama wɔn ansɛe ɛserɛ anaa nnua anaa afifideɛ biara, na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔano no bi nni wɔn moma so no deɛ, wɔmaa wɔn twee wɔn aso. Wɔamma saa mmoadabi no ɛkwan sɛ wɔnkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn ɛkwan sɛ wɔnha wɔn abosome enum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yea no te sɛ nyanyankyerɛ deɛ. Saa abosome enum no mu no, saa nnipa no bɛpere owuo, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wɔwu, nanso owuo bɛdwane afiri wɔn nkyɛn.

Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim. Wɔn tirinwi te sɛ mmaa tirinwi, ɛnna wɔn se nso te sɛ gyata se. Wɔde biribi te sɛ dadeɛ nkataboɔ akatakata wɔn bo. Na nnyegyeeɛ a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko. Wɔwɔ borɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ. Na wɔn dua no enti na na wɔwɔ tumi a wɔde ha nnipa abosome enum no. Wɔwɔ ɔhene a ɔdi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ bunu no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” ɛnna Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion”, a nʼasekyerɛ ne “Ɔsɛefoɔ.”

Ɔhaw baako atwam. Yei akyi, ɔhaw mmienu bi bɛba.

Read More of Adiyisɛm 9