Nnwom 94:1-11 ASCB

Nnwom 94:1-11

Dwom 94

Awurade, Onyankopɔn a wotɔ werɛ,

Onyankopɔn a wotɔ werɛ, hyerɛn.

Sɔre, Ao wo a woyɛ asase so ɔtemmufoɔ,

tua ahantanfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.

Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn,

amumuyɛfoɔ nnye wɔn ani nkɔsi da bɛn?

Wɔkasa ahantan so;

ahohoahoa ahyɛ abɔnefoɔ nyinaa ma.

Ao Awurade, wɔdwerɛ wo nkurɔfoɔ;

wɔhyɛ wʼagyapadeɛ so.

Wɔkunkumm akunafoɔ ne amanfrafoɔ;

na wɔdi nwisiaa awu.

Wɔka sɛ, “Awurade nhunu,

Yakob Onyankopɔn ayi nʼani.”

Monhwɛ yie, mo agyimifoɔ a mowɔ nnipa no mu;

nkwaseafoɔ, da bɛn na mobɛhunu nyansa?

Deɛ ɔbɔɔ aso no, ɔrente asɛm anaa?

Deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔrenhunu adeɛ anaa?

Deɛ ɔtenetene aman so no rentwe aso anaa?

Deɛ ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa anaa?

Awurade nim onipa nsusuiɛ;

ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee.

Read More of Nnwom 94