Nnwom 78:17-31 ASCB

Nnwom 78:17-31

Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no,

wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ ɛserɛ no so.

Wɔboapa sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ;

wɔbisaa aduane a wɔpɛ.

Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ,

“Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono wɔ ɛserɛ so anaa?

Ɔde adeɛ bɔɔ ɔbotan mu no, nsuo to firi mu baeɛ,

na nsuwa bebree tenee hɔ.

Na ɔbɛtumi ama yɛn aduane nso?

Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ ɛnam anaa?”

Ɛberɛ a Awurade tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie;

ne ogya bɛguu Yakob so,

na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel,

ɛfiri sɛ, na wɔnni Onyankopɔn mu gyidie

anaasɛ ne nkwagyeɛ mu ahotosoɔ.

Nanso, ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro ɔhyɛ so;

na ɔbuee ɔsorosoro apono.

Ɔtɔɔ mana firi soro maa nnipa no sɛ wonni,

ɔmaa wɔn ɔsoro aduane.

Nnipa dii abɔfoɔ aduane;

ɔmaa wɔn aduane a wɔbɛtumi adi nyinaa.

Ɔmaa apueeɛ mframa bɔ firii sorosoro,

na ɔde ne tumi bɔɔ atɔeɛ mframa.

Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so,

nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea.

Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ,

ne wɔn ntomadan ho nyinaa.

Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn so

ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ.

Nanso ansa na wɔbɛfiri aduane a wɔhwehwɛeɛ no ho,

ɛberɛ a ɛhyehyɛ wɔn anomu mpo no,

Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so;

ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mu

twitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ.

Read More of Nnwom 78