Nnwom 78:1-8 ASCB

Nnwom 78:1-8

Dwom 78

Asaf dwom.

Ao me nkurɔfoɔ, montie me nkyerɛkyerɛ;

monyɛ aso mma mʼanomu nsɛm.

Mɛkasa wɔ abɛbuo mu,

mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,

nneɛma a yɛate na yɛahunu;

nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.

Yɛremfa nkame wɔn mma;

yɛbɛka akyerɛ nkyirimma;

Awurade nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no,

ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no.

Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob

na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel,

deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananom

sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsua

mpo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn,

na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.

Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,

na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ,

na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so.

Wɔrenyɛ sɛ wɔn nananom,

a na wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ,

wɔn a wɔn akoma mu wɔnni Onyankopɔn nokorɛ

na woyɛ honhom mu atorofoɔ ma noɔ no.

Read More of Nnwom 78