Nnwom 59:9-17 ASCB

Nnwom 59:9-17

Ao mʼAhoɔden, mehwɛ wo;

wo, Ao Onyankopɔn ne mʼabankɛseɛ,

me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.

Onyankopɔn bɛdi mʼanim

na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haa.

Nanso nkum wɔn, Ao Awurade yɛn akokyɛm,

na me nkurɔfoɔ werɛ amfiri wɔn.

Wo tumi mu no ma wɔnnantenante,

na brɛ wɔn ase.

Bɔne a ɛfiri wɔn anomu,

ne wɔn ano nsɛm enti

ma wɔn ahomasoɔ nkyekyere wɔn.

Abususɛm a wɔka ne atorɔ a wɔtwa enti,

sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu,

kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre.

Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunu

sɛ Onyankopɔn di Yakob so.

Wɔsane ba anwummerɛ,

wɔpɔ so sɛ nkraman

na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.

Wɔkyinkyini pɛ aduane

na sɛ wɔammee a, wɔsu bobom.

Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom,

mɛto wʼadɔeɛ ho dwom anɔpa;

ɛfiri sɛ woyɛ mʼabankɛseɛ,

mʼahintaeɛ wɔ ahohia mmerɛ mu.

Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo;

wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.

Read More of Nnwom 59