Nnwom 50:1-15 ASCB

Nnwom 50:1-15

Dwom 50

Asaf dwom.

Tweaduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa,

na ɔfrɛ asase nyinaa

ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ.

Onyankopɔn hran firi Sion

kuro a ne fɛ wie pɛ yɛ.

Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm;

ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim,

ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.

Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase,

sɛ ɔrebu ne nkurɔfoɔ atɛn;

Ɔka sɛ, “Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me,

wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no.”

Ɔsoro pae mu ka ne tenenee,

na Onyankopɔn ankasa ne ɔtemmufoɔ.

“Montie, me nkurɔfoɔ na mɛkasa,

mɛdi adanseɛ atia wo, Ao Israel;

Mene Onyankopɔn, wo Onyankopɔn no.

Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔdeɛ

anaa mo hyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ mʼanim daa no ho.

Anantwinini a wɔfiri mo mfuo so

anaa mpapo a wɔfiri mo buo mu ho nhia me,

ɛfiri sɛ kwaeɛ mu aboa biara yɛ me dea,

anantwie a wɔwɔ nkokoɔ mpempem so nso saa ara.

Menim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔ no so,

na wiram abɔdeɛ nyinaa yɛ me dea.

Sɛ ɛkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo;

ɛfiri sɛ, ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ me dea.

Mewe anantwinini nam,

na menom mpapo mogya anaa?

Momfa aseda afɔdeɛ mma Onyankopɔn,

na monni bɔhyɛ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so,

na momfrɛ me da hiada;

na mɛgye mo na moahyɛ me animuonyam.”

Read More of Nnwom 50