Nnwom 4:1-8 ASCB

Nnwom 4:1-8

Dwom 4

Dawid dwom.

Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so,

Ao, me tenenee Onyankopɔn.

Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu;

hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ.

Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora?

Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi?

Hunu sɛ Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho;

Awurade bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a.

Mo bo fu a, monnyɛ bɔne;

sɛ modeda mo mpa so a,

monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu.

Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata

na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

Nnipa bebree bisa sɛ:

“Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?”

Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma

asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no.

Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu,

ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao Awurade,

na woma metena asomdwoeɛ mu.

Read More of Nnwom 4