Nnwom 18:37-42 ASCB

Nnwom 18:37-42

Metaa mʼatamfoɔ kɔtoo wɔn;

mansane mʼakyi kɔsii sɛ mesɛee wɔn.

Mɛdwerɛ wɔn, na wɔantumi ansɔre,

wɔhwehwee ase wɔ me nan ase.

Wode akodie ahoɔden maa me;

womaa mʼatamfoɔ bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase.

Womaa mʼatamfoɔ danee wɔn ho dwaneeɛ,

na mesɛe wɔn a wɔtan me.

Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn,

wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua.

Meyamoo wɔn sɛ mfuturo a mframa bɔ guo;

me hwiee wɔn guiɛ sɛ mmɔntene so atɛkyɛ.

Read More of Nnwom 18