Nnwom 139:17-24 ASCB

Nnwom 139:17-24

Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me!

Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo!

Sɛ mese mɛkan a,

ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea,

sɛ menyane a,

me ne wo wɔ hɔ ara.

Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a!

Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ!

Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;

wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa.

Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo,

na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ.

Menni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn;

mefa wɔn sɛ mʼatamfoɔ.

Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma;

sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene.

Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a,

na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so.

Read More of Nnwom 139