Nnwom 138:1-8 ASCB

Nnwom 138:1-8

Dwom 138

Dawid deɛ.

Ao Awurade, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ;

mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim.

Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo

na makamfo wo din

wɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti

ɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm no

asene nneɛma nyinaa.

Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so;

womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ.

Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a

ma wɔn nkamfo wo.

Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,

na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ.

Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ,

na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri.

Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ,

nanso wobɔ me nkwa ho ban;

wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so,

na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu;

Ao Awurade, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa,

nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ.

Read More of Nnwom 138