Nnwom 116:12-19 ASCB

Nnwom 116:12-19

Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka

wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa?

Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so

na mabɔ Awurade din.

Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so

wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim.

Nʼahotefoɔ wuo

yɛ aboɔden wɔ Awurade ani so.

Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ;

meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima;

wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu.

Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo

na mabɔ Awurade din.

Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no so

wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim,

wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fie

wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem.

Monkamfo Awurade.

Read More of Nnwom 116