Nnwom 106:1-15 ASCB

Nnwom 106:1-15

Dwom 106

Monkamfo Awurade!

Monna Awurade ase na ɔyɛ;

na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Hwan na ɔbɛtumi aka nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ?

Anaasɛ ɔbɛtumi aka ne nkamfo awie?

Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntenenee,

na daa wɔyɛ deɛ ɛyɛ.

Ao Awurade, sɛ wohunu wo nkurɔfoɔ mmɔbɔ a kae me.

Sɛ wogye wɔn nkwa a, boa me,

na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa,

na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa

na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo.

Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no;

yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm.

Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no,

wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho;

wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no,

na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.

Nanso, ne din enti ɔgyee wɔn nkwa,

sɛdeɛ ɔbɛda ne tumi kɛseɛ no adi.

Ɔteaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ma ɛwee;

ɔde wɔn faa abunu mu te sɛ ɛserɛ so.

Ɔgyee wɔn firii ɔtamfoɔ no nsam;

deɛ ɔtane wɔn nsam na ɔyii wɔn firiiɛ.

Nsuo kataa wɔn atamfoɔ so;

na ɔbaako mpo annya nkwa.

Afei wɔgyee ne bɔhyɛ no diiɛ

na wɔtoo nʼayɛyie dwom.

Nanso, ntɛm so, wɔn werɛ firii deɛ wayɛ

na wɔantwɛn nʼagyinatuo.

Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ ɛserɛ so hɔ,

na wɔ asase paradada no so, wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ,

enti ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ,

nanso, ɔde ɔfɔn yadeɛ baa wɔn so.

Read More of Nnwom 106