Mmɛbusɛm 8:1-11 ASCB

Mmɛbusɛm 8:1-11

Nyansa Frɛ

Tie: Nyansa refrɛ.

Nteaseɛ ma ne nne so.

Ɛkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ,

nkwantanan no so, ɛhɔ na ɛgyina,

apono a ɛkɔ kuropɔn no mu ho,

ɛteam wɔ aboboano hɔ sɛ,

“Ao, mo mmarimma na meteam mefrɛ;

meteam frɛ adasamma nyinaa.

Mo a moyɛ ntetekwaa, mo mma mo ani nte;

mo a moyɛ nkwaseafoɔ, monnya nteaseɛ.

Montie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;

mebue mʼano ka deɛ ɛyɛ.

Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ,

ɛfiri sɛ mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm.

Mʼano mu nsɛm nyinaa yɛ pɛ;

ebiara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.

Ne nyinaa mu da hɔ ma deɛ ɔwɔ nhunumu;

ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.

Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,

momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa.

Ɛfiri sɛ nimdeɛ som bo sene mmota,

na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho.

Read More of Mmɛbusɛm 8