Mmɛbusɛm 5:1-14 ASCB

Mmɛbusɛm 5:1-14

Adwamammɔ Ho Kɔkɔbɔ

Me ba, yɛ aso ma me nyansa;

tie me nhunumu nsɛm no yie,

sɛdeɛ ɛbɛma woahwɛ yie,

na wʼano akora nimdeɛ.

Ɛfiri sɛ ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ,

na ne kasa kɔ yɛɛ sene ngo;

nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma,

ɛyɛ nam sɛ akofena anofanu.

Ne nan kɔ owuo mu;

nʼanammɔntutuo kɔ ɛda mu tee.

Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;

nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso ɔnnim.

Enti, afei, me mma, montie me;

Monntwe mo ho mfiri deɛ meka ho.

Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa so

mommmɛn ne fie ɛpono ano,

anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔ

na mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ,

anyɛ saa a, ahɔhoɔ bɛfom mo ahonyadeɛ

na mobrɛ de ahonya akɔ afoforɔ fie.

Mo nkwanna akyi, mobɛsi apinie

ɛberɛ a mo honam ne mo onipadua asa no.

Na moaka sɛ, “Na mekyiri ahohyɛsoɔ!

Mʼakoma ampɛ ntenesoɔ!

Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔ

na mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm.

Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoa

wɔ asafo no nyinaa mu.”

Read More of Mmɛbusɛm 5