Mmɛbusɛm 4:10-19 ASCB

Mmɛbusɛm 4:10-19

Me ba, tie na fa deɛ meka no,

na wo nkwanna bɛyɛ bebree.

Mɛkyerɛ wo nyansakwan

na mede wo afa akwan a ɛtene so.

Sɛ wonante a, wʼanammɔntuo bɛkɔ yɛɛ

na sɛ wotu mmirika a, worensunti.

Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu

bɔ ho ban yie, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nkwa.

Ntu wo nan nsi amumuyɛfoɔ kwan so

na nnante abɔnefoɔ kwan so.

Kwati no, ntu kwan mfa so;

dane firi so na kɔ wo baabi.

Ɛfiri sɛ wɔntumi nna kɔsi sɛ wɔbɛyɛ bɔne;

na wɔntɔ nko kɔsi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.

Amumuyɛsɛm yɛ wɔn aduane,

na basabasayɛ yɛ wɔn nsa.

Teneneefoɔ kwan te sɛ adekyeɛ hann a ɛdi ɛkan,

ɛkɔ so hyerɛn yie kɔduru awia ketee.

Nanso, amumuyɛfoɔ kwan te sɛ esum kabii;

wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti.

Read More of Mmɛbusɛm 4