Mmɛbusɛm 30:1-10 ASCB

Mmɛbusɛm 30:1-10

Agur Nsɛm A Ɔkaeɛ

Yake babarima Agur nsɛm a ɔkaeɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ:

Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal sɛ:

“Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu,

menni onipa nteaseɛ.

Mensuaa nyansa,

na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.

Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam?

Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu?

Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa?

Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi?

Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn?

Sɛ wonim a ka kyerɛ me!

“Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ;

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no.

Mfa biribi nka nʼasɛm ho,

anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ.

“Ao Awurade, nneɛma mmienu na mehwehwɛ firi wo nkyɛn;

mfa nkame me ansa na mawu:

Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu;

mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ;

nanso ma me deɛ medi daa.

Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wo

na maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’

Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno,

na ama magu me Onyankopɔn din ho fi.

“Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura;

sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka.

Read More of Mmɛbusɛm 30