Mmɛbusɛm 28:7-17 ASCB

Mmɛbusɛm 28:7-17

Deɛ ɔdi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu,

nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ bɔ no gu nʼagya anim ase.

Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho no

ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ.

Sɛ obi nni mmara so a,

ne mpaeɛbɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.

Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no

bɛhwe ɔno ankasa afidie mu,

nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.

Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so,

nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ.

Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii;

nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta.

Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ,

na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ.

Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa,

nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu.

Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no

te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ.

Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene,

na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten.

Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no,

ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da;

mma obiara mmɔ ne ho ban.

Read More of Mmɛbusɛm 28