Mmɛbusɛm 22:17-27 ASCB

Mmɛbusɛm 22:17-27

Anyansasɛm

Yɛ aso na tie anyansasɛm yi;

fa wʼakoma di me nkyerɛkyerɛ akyi,

ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wʼakoma mu,

na ne nyinaa ada wʼano.

Sɛdeɛ wode wo ho bɛto Awurade so,

merekyerɛkyerɛ wo ɛnnɛ, aane wo.

Mentwerɛɛ mmɛ aduasa mmaa wo,

deɛ ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,

a ɛkyerɛkyerɛ wo nokorɛ ne deɛ akyinnyeɛ nni ho,

sɛdeɛ wobɛnya mmuaeɛ pa ama deɛ ɔsomaa woɔ no anaa?

Mmɔ ahiafoɔ korɔno, sɛ wɔyɛ ahiafoɔ enti,

na nnsisi wɔn a wɔnni bie wɔ asɛnniiɛ,

ɛfiri sɛ Awurade bɛdi wɔn asɛm ama wɔn

na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa.

Mfa obi a ne bo ha no adamfo,

na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu,

anyɛ saa a, wobɛsua nʼakwan

na woakɔtɔ afidie mu.

Ɛnyɛ deɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di agyinamu,

anaasɛ deɛ ɔdi akagyinamu;

na sɛ wonni deɛ wɔde tua a

wɔbɛhwan wo mpa mpo afiri wʼase.

Read More of Mmɛbusɛm 22