Mmɛbusɛm 15:1-10 ASCB

Mmɛbusɛm 15:1-10

Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo,

nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu.

Onyansafoɔ tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ,

nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.

Awurade ani hunu baabiara,

na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ.

Tɛkrɛma a ɛde abodwoɔ ba yɛ nkwa dua,

nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛ honhom.

Ɔkwasea mmfa nʼagya ntenesoɔ nyɛ hwee,

na deɛ ɔtie ntenesoɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnitefoɔ.

Ahonya bebree wɔ ɔteneneeni fie,

nanso amumuyɛfoɔ adenya de ɔhaw brɛ wɔn.

Anyansafoɔ ano trɛtrɛ nimdeɛ mu;

nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafoɔ akoma teɛ.

Awurade kyiri amumuyɛfoɔ afɔrebɔ,

nanso teefoɔ mpaeɛbɔ sɔ nʼani.

Awurade kyiri amumuyɛfoɔ akwan,

nanso ɔdɔ wɔn a wɔti tenenee.

Asotwe denden wɔ hɔ ma dea ɔmane firi ɛkwan no so,

deɛ ɔtane ntenesoɔ no bɛwu.

Read More of Mmɛbusɛm 15