Mateo 9:14-38 ASCB

Mateo 9:14-38

Mmuadadie Ho Asɛmmisa

Ɛda bi, Yohane Osubɔni asuafoɔ baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni mmuada, sɛdeɛ yɛne Farisifoɔ di mmuada no?”

Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ, sɛ ayeforɔkunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ ho, na wɔbua da anaa? Ɛberɛ bi bɛba a wɔbɛfa me afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.

“Hwan na ɔde ntoma foforɔ bɛtare ntoma dada mu? Saa ntaremu no bɛsuane dada no mu ama tokuro kɛseɛ abɛda hɔ. Hwan na ɔde nsã foforɔ bɛgu aboa nwoma nsã nkotokuo dada mu? Sɛ ɔyɛ saa a, nsã no bɛpae nkotokuo no ama nsã no ahwie agu, na nkotokuo no nso asɛe. Nsa nkotokuo foforɔ mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsã foforɔ gugu na amma nkotokuo no ne nsã no mu biara ansɛe.”

Ɔbaa Bi Ayaresa Ne Ababaawa Bi Wunyane

Yesu gu so rekasa no, Yudafoɔ panin bi ba bɛkoto, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛdeɛ too Yesu anim sɛ, “Me babaa awu seesei ara. Menim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, ɔbɛnyane.” Yesu ne nʼasuafoɔ no ne ɔpanin no siim sɛ wɔrekɔ ɔpanin no fie.

Wɔrekɔ no, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”

Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidie agye wo. Wo ho atɔ wo.” Ɛfiri saa ɛberɛ no mu, ne ho tɔɔ no.

Yesu duruu ɔpanin no fie hɔ a ɔhunuu sɛ nkurɔfoɔ no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no, ɔkaa sɛ, “Obiara mfiri adi. Ababaawa no nwuiɛ. Wada!” Yesu asɛm a ɔkaeɛ yi maa nnipa no seree no. Nnipa no nyinaa firii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaawa no da hɔ no. Ɔsɔɔ ne nsa. Prɛko pɛ, ababaawa no nyaneeɛ. Saa anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi trɛɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.

Anifirafoɔ Baanu Bi Ayaresa

Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, “Dawid ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”

Yesu duruu efie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ mɛtumi ama moahunu adeɛ?”

Wɔbuaa no sɛ, “Aane, Awurade, yɛgye di!”

Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ, “Mo gyidie nyɛ deɛ mohwehwɛ mma mo!” Amonom hɔ ara na wɔn ani buebueeɛ. Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara.” Nanso, nnipa no firi hɔ pɛ, wɔbɔɔ asɛm no dawuro.

Mumu Bɔdamfoɔ Bi Ayaresa

Yesu ne nʼasuafoɔ refiri adi no, wɔde mumu bi a honhommɔne wɔ ne so brɛɛ no. Yesu tuu honhommɔne no na prɛko pɛ, mumu no kasaeɛ. Saa honhommɔne tuo yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwanwa ma wɔkaa sɛ, “Yɛnhunuu saa anwanwadeɛ yi bi da wɔ Israelman mu ha!”

Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ, “Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma enti na ɔtumi tu ahonhommɔne no.”

Ayamhyehyeɛ

Yesu kyinkyinii nkuro so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔsaa nyarewa ahodoɔ bebree. Ɛberɛ a Yesu hunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ ɔhaw ahodoɔ gu wɔn so a, wɔnhunu deɛ wɔnyɛ ne deɛ wɔmfa a wɔbɛnya mmoa nso. Wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua. Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu.”

Read More of Mateo 9