Mateo 8:23-34, Mateo 9:1-13 ASCB

Mateo 8:23-34

Yesu Brɛ Ahum Ase

Yesu saa nyarewa no wieeɛ no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu na nʼasuafoɔ no dii nʼakyi. Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so. Nanso, na Yesu deɛ, wada. Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa sɛ, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”

Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teateaa ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”

Yesu Tu Ahonhommɔne

Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu asuogya wɔ Gadarafoɔ asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so firi amusieeɛ bɛhyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka enti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ. Wɔhunuu no pɛ, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam sɛ, “Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na worehwehwɛ afiri yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayadeɛ ɛberɛ a mmerɛ no nsoeɛ anaa?”

Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na mprakokuo bi redidi wɔ nkyɛn baabi. Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wotu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuo yi mu.”

Yesu tiaa wɔn sɛ, “Momfiri!” Ɛhɔ ara ahonhommɔne no firii nnipa no mu, kɔwuraa mprako no mu. Mprakokuo no nyinaa de mmirika sianee bepɔ no, kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn. Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa deɛ asie no kyerɛɛ nkurɔfoɔ. Kurom hɔfoɔ no tee deɛ aba no, wɔbɔɔ twi, kɔɔ deɛ Yesu wɔ hɔ no. Wɔhunuu Yesu no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn ɔman mu hɔ nkɔ.

Read More of Mateo 8

Mateo 9:1-13

Obubuafoɔ Bi Ayaresa

Yei akyi no, Yesu kɔtenaa kodoɔ bi mu kɔɔ Kapernaum, kuro a ɔte mu. Ɔduruu hɔ no, ankyɛre biara na nnipa bi de obubuafoɔ bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ. Na Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo.”

Ɛhɔ ara na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ hɔ no bi teaam sɛ, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!”

Yesu hunuu deɛ ɛwɔ wɔn adwenem no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene bɔne ho saa? Me Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ metumi de bɔne kyɛ. Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka sɛ, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo’ anaasɛ ɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nante?’ ” Nanso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ enti, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Sɔre na bobɔ wo kɛtɛ, na kɔ efie ɛfiri sɛ, masa wo yadeɛ.” Amonom hɔ ara, obubuafoɔ no sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, siim kɔɔ ne fie! Nnipadɔm no hunuu anwanwadeɛ yi no, wɔn ho dwirii wɔn yie. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa!

Yesu Frɛ Mateo

Yesu firi deɛ ɔsaa obubuafoɔ no yadeɛ hɔ rekɔ no, ɔhunuu ɔbarima ɔtogyeni bi a ɔte atogyeeɛ. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu hunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi.

Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ Mateo fie kɔdidiiɛ. Wɔredidi no, ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree baa hɔ ne no ne nʼasuafoɔ no too nsa didiiɛ. Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn enti na mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfoɔ a wɔte sɛɛ yi?”

Yesu teeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn.” Ɔsane kaa bio sɛ, “Monkɔhwehwɛ yei ase wɔ Atwerɛ Kronkron no mu. Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ mo afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ na mepɛ, na mmom, ahummɔborɔ.’ Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.”

Read More of Mateo 9