Mateo 5:21-42 ASCB

Mateo 5:21-42

Abufuo Ho Mmara

“Mose mmara no ka sɛ, ‘Deɛ ɔdi awuo no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wɔkum no bi.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, obiara a ne bo bɛfu ne nua no, wɔbɛbu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛdi ne nua atɛm no, wɔbɛfrɛ no mpanin anim. Afei, obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua sɛ, ‘Ogyimifoɔ’ no, ɔbɛkɔ amanehunu ogya mu.

“Enti, sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔdeɛ na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a, gyae afɔdeɛ no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom ansa na woakɔbɔ wʼafɔdeɛ no.

“Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ ankɔma ɔtemmufoɔ, na ɔtemmufoɔ no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfoɔ nsa, na afiasehwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase. Sɛ ɔde wo kɔ ɔtemmufoɔ anim a, kae sɛ, ansa na wobɛfiri asɛnniiɛ hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afiri wo hɔ no.

Adwamammɔ

“Mose mmara no ka sɛ, ‘Nsɛe awadeɛ.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Obiara a ɔhunu ɔbaa na ne kɔn dɔ no nʼakoma mu no, abɔ adwaman. Sɛ wʼani baako a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtu ato atwene. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua no nyinaa atwene amanehunu ogya mu. Saa ara nso na sɛ wo nsa a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtwa ato atwene ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua nyinaa atwene amanehunu ogya mu.

Awaregyaeɛ

“Mose mmara no ka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛgyaa ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbaa no sane kɔware bio a, na ɔbarima a ɔgyaee no no ama ɔbaa no asɛe awadeɛ. Ɔbarima foforɔ a ɔbɛware ɔbaa no nso asɛe awadeɛ saa ara.

Ɔkasa Mu Nokorɛdie

“Bio, Mose mmara no ka sɛ, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom, di bɔ a woahyɛ no no so.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Monnka ntam mfa nhyɛ bɔ. Monnnɔ ɔsoro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn ahennwa. Monnnɔ fam, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn nan ase adwa. Monnnɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuropɔn. Mfa wo tiri nka ntam, ɛfiri sɛ, worentumi nnane tirinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum. Momma mo nsɛm nyɛ ‘Aane’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ aane anaa dabi no firi ɔbonsam.

Aweretɔ

“Mose mmara no ka sɛ, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne deɛ bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne deɛ bi.’ Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dane benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu. Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatadeɛ nhyɛaseɛ a, worɔ wʼatadeɛ nkatasoɔ ka ho ma no. Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnante kwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansini mmienu. Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no.

Read More of Mateo 5