Mateo 11:16-30 ASCB

Mateo 11:16-30

“Ɛdeɛn ho na mɛtumi de nnɛmmafoɔ yi atoto? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔte baabi redi agorɔ. Ɛfa ka kyerɛ ɛfa sɛ,

“ ‘Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo,

nanso moansa.

Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo,

nanso moansu.’

Yohane baeɛ a ɔnnidi na ɔnnom no, wɔse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ Onipa Ba no baeɛ a ɔdidi na ɔnom no nso, wɔse, ‘Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’ Nanso, wɔn a wɔdi Onyankopɔn akyi nokorɛ mu no deɛ, wɔn bra di adanseɛ sɛ, nʼakwan nyinaa yɛ.”

Korasin, Betsaida Ne Kapernaum, Monnue!

Afei, ɔhyɛɛ aseɛ kaa nkuro a ɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ nanso wɔannu wɔn ho no anim sɛ, “Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada. Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon! Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ asaman. Anwanwadeɛ a meyɛɛ no wo hɔ no, sɛ wɔyɛɛ no wɔ Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, Tiro ne Sodom bɛnya gyinabea pa asene mo!”

Agya No Ayɛyie

Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ woanna nokorɛ no adi ankyerɛ wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom, wodaa nokorɛ no adi kyerɛɛ mmɔfra nkumaa. Aane, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.

“Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn.

“Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ, medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu, na mobɛnya ahome ama mo kra. Ɛfiri sɛ, me kɔnnua yɛ mmerɛ, na mʼadesoa yɛ hare.”

Read More of Mateo 11