Luka 6:12-36 ASCB

Luka 6:12-36

Yesu Yi Asuafoɔ Dumienu

Ɛda bi a Yesu kɔɔ bepɔ bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpaeɛ. Ɔbɔɔ mpaeɛ anadwo mu no nyinaa Adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ nʼakyidifoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔyii wɔn mu dumienu. Saa dumienu yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ.

Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon nua;

Yakobo,

Yohane,

Filipo,

Bartolomeo,

Mateo,

Toma,

Yakobo a ɔyɛ Alfeo ba;

Simon, a wɔfrɛ no Selote;

Yuda, a ɔyɛ Yakobo ba;

ne Yuda Iskariot a ɔyii Yesu maeɛ no.

Yesu Sa Nyarewa

Yesu firii bepɔ no so siane baa fam maa nʼakyidifoɔ bebree ne nnipakuo a wɔfiri Yudea, Yerusalem ne mpoano nkuro Tiro ne Sidon mu no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ. Wɔbaeɛ sɛ wɔrebɛtie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Ɔtuu ahonhommɔne bebree. Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefoɔ a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn.

Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,

“Nhyira ne mo a moyɛ ahiafoɔ,

na mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea!

Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo,

na mo na wɔbɛma mo amee.

Nhyira ne mo a mo werɛ ahoɔ,

na mo na wɔbɛma mo ani agye.

Nhyira ne mo a Onipa Ba no din enti, nnipa tan mo,

na wɔpa mo na wɔya mo,

na wɔgu mo din ho fi.

“Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na monni ahurisie! Ɛfiri sɛ, mo akatua so wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifoɔ no.

“Na mo adefoɔ deɛ, monnue ɛfiri sɛ, deɛ ɛma mo ani gye no,

mo nsa aka dada; yei enti, monni kyɛfa biara bio.

Monnue, mo a moamee seesei,

na mo na ɛkɔm bɛde mo!

Monnue, mo a moresere seesei,

na mo na mobɛsi apinie, asu.

Monnue, mo a nnipa kamfo mo,

ɛfiri sɛ, saa ara na wɔn nananom kamfoo atorɔ adiyifoɔ no.”

Monnɔ Mo Atamfoɔ

“Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa sɛ, monnɔ mo atamfoɔ; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa. Monhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtan mo. Sɛ obi bɔ wʼasom a, dane baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntoma a, worɔ wʼatadeɛ ka ho. Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼadeɛ a, mmisa no bio. Na deɛ mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.

“Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya? ‘Nnebɔneyɛfoɔ’ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no. Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yie a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya? Nnebɔneyɛfoɔ mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yie. Na sɛ mobɔ wɔn a mosusu sɛ wɔbɛtumi atua mo nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfoɔ nso bobɔ bobɔ wɔn ho wɔn ho bosea, a wɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. Monnɔ mo atamfoɔ. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn deɛ ɛhia wɔn a, mo ani nni akyire bio. Na sɛ moyɛ yeinom a, mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ ɔsoro na moayɛ Onyankopɔn mma; ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfoɔ adɔeɛ, na ɔdom bonniayɛfoɔ nso. Monyɛ mmɔborɔhunufoɔ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ mmɔborɔhunufoɔ no.

Read More of Luka 6