Luka 16:1-18 ASCB

Luka 16:1-18

Efie Sohwɛfoɔ Okontomponi No

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ efie sohwɛfoɔ bi. Ɔdefoɔ yi tetee sɛ ne efie sohwɛfoɔ no resɛe ne nneɛma. Ɔtee saa asɛm yi no, ɔfrɛɛ ne efie sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na metete fa wo ho yi? Bɛbu wʼadwuma ho nkonta kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’

“Efie sohwɛfoɔ no kaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn ni? Ɛnnɛ a wɔrepam me afiri efie ha yi, ɛhe na mɛfa? Menni ahoɔden a mede bɛdɔ, ɛnna mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ. Menim deɛ mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no bɛhunu me mmɔbɔ.’

“Enti, ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Ɔbisaa deɛ ɔdi ɛkan no sɛ, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’

“Ɔbuaa sɛ, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’

“Enti, ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twam na twerɛ sɛ, wode ngo nhina edu ka.’

“Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforɔ bi nso bisaa no sɛ, ‘Na wo nso, ɛka ahe na wode me wura?’

“Ɔno nso buaa sɛ, ‘Mede aburoo nkotokuo ɔha ka.’

“Enti, ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Tena ase na twam na twerɛ sɛ, wode nkotokuo aduonum ka!’

“Ɔdefoɔ no hunuu deɛ efie sohwɛfoɔ no yɛeɛ no akyi, nanso ɔnam fɛdie so kamfoo no wɔ nʼanifire no ho. Saa ara nso na ewiase yi mma susu sɛ wɔnim nyansa sene wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ no. Na me nso mese mo sɛ, momfa ewiase ahonyadeɛ no bi nyɛ nnamfoɔ, na sɛ ɛsa a, wɔagye mo.

“Nanso deɛ ɔdi nokorɛ wɔ kakra bi ho no bɛdi nokorɛ wɔ pii ho; na deɛ ɔnni nokorɛ wɔ kakra bi ho no, rentumi nni nokorɛ wɔ pii ho. Sɛ moantumi anni nokorɛ wɔ ewiase nneɛma ho a, hwan na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa? Sɛ moanni nokorɛ wɔ obi adeɛ bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde deɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo?

“Ɔsomfoɔ biara rentumi nsom awuranom baanu, ɛfiri sɛ, ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yie na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyadeɛ.”

Farisifoɔ sikaniberefoɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdii ne ho fɛw. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ nnipa a mobu mo ho ateneneefoɔ wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu. Na deɛ ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyiwadeɛ wɔ Onyankopɔn anim.

“Ansa na Yohane Osubɔni bɛba no, na Mose mmara ne adiyifoɔ no nsɛm no na modi so. Na Yohane Osubɔni baeɛ no, ɔbɛkaa Onyankopɔn Ahennie ho nsɛm kyerɛɛ mo, enti, nnipa repere sɛ wɔbɛkɔ saa Ahennie no mu. Ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sene sɛ mmara no mu nsensaneɛ ketewa baako mpo bɛyera.

“Obiara a ɔgyaa ne yere awadeɛ na ɔware ɔfoforɔ no bɔ adwaman; na deɛ ɔware ɔbaa biara a ne kunu agyaa no no nso, bɔ adwaman.”

Read More of Luka 16