Luka 14:15-35 ASCB

Luka 14:15-35

Apontoɔ Kɛseɛ Bi Ho Ɛbɛ

Wɔn a wɔte adidiiɛ no mu baako tee deɛ Yesu kaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Nhyira nka deɛ ɔbɛdidi wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”

Yesu buaa no sɛ, “Ɛda bi ɔbarima bi too ɛpono kɛseɛ hyiaa nnipa bebree. Adidi berɛ duruiɛ no, ɔsomaa ne ɔsomfoɔ bi sɛ ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ wɔmmra.

“Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho wɔn ho ano. Deɛ ɔdi ɛkan no yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ asase a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’

“Na ɔfoforɔ nso yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ anantwie edu a mede wɔn bɛyɛ mʼafuo a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’

“Ɔfoforɔ bi nso yii ne ho ano sɛ, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’

“Ɔsomfoɔ no sane bɛbɔɔ ne wura no amaneɛ no, ɔde abufuo somaa no bio sɛ, ‘Ka wo ho kɔ mmɔntene so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, anifirafoɔ ne mpakye sɛ wɔmmra.’

“Ɔsomfoɔ no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no baeɛ, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.

“Ɛno enti, owura no sane somaa no sɛ, ‘Kɔ akwan so ne mfikyire na frɛ obiara a wobɛhunu no no sɛ, mato ɛpono, enti wɔmmra. Na merema woate aseɛ sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduane yi bi bɛka nʼano da biara da.’ ”

Yesu Akyiridie

Ɛda bi a na nkurɔfoɔ akuakuo bi di Yesu akyi no, ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sene nʼawofoɔ, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani. Obiara a ɔdi mʼakyi na ɔntumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.

“Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bɛwie? Anyɛ saa na ɔhyɛ ɛdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wɔhunu no nyinaa bɛsere no, aka sɛ, ‘Onipa yi hyɛɛ aseɛ sɛ ɔresi ɛdan, nanso wantumi anwie’.

“Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔkura asraafoɔ ɔpedu na ɔrekɔhyia ɔsahene foforɔ a ɔkura asraafoɔ ɔpeduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono? Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforɔ no bɛbɛn no no, ɔtu abɔfoɔ kɔhunu no sɛ, ɔmma wɔnsiesie wɔn ntam na asomdwoeɛ mmra. Ɛno enti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.

“Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio? Ɛho nni mfasoɔ mma biribiara. Wɔbɛto agu.

“Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”

Read More of Luka 14