3 Mose 4:1-35, 3 Mose 5:1-13 ASCB

3 Mose 4:1-35

Bɔne Ho Afɔrebɔ

Afei Awurade hyɛɛ mmara foforɔ maa Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na ɔbɛbu Awurade mmara no bi so.

“ ‘Sɛ ɔsɔfoɔ bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbuo ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ma Awurade. Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na ɔkum no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Ɔsɔfoɔ no de aboa no mogya bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade anim wɔ ntoma a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim. Afei, ɔsɔfoɔ no de mogya no bi bɛgu aduhwam no toa a ɛsi afɔrebukyia no so no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase de abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Afei ɔbɛtete sradeɛ a ɛwɔ ne nsono no ho nyinaa, ne sawa mmienu no ne sisia sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo, na wahye no wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so te sɛ nantwinini anaa nantwibereɛ a wɔde no bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no pɛ. Nanso nantwie ba no ho nneɛma a ɛbɛka a ɛyɛ ne nhoma, ne nam, ne ti, ne nan, nʼayamdeɛ, ne ne nsono no deɛ, wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ te wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ firi afɔrebukyia no so kɔ hɔ kɔhye no nnyensin so no.

“ ‘Sɛ Israelfoɔ nyinaa yɛ bɔne a ɛtia Awurade, na sɛ ɛnyɛ boapa yɛ a, nnipa no nyinaa bɛdi ho fɔ. Na sɛ wɔhunu wɔn bɔne a, wɔde nantwie ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Sɛ wɔrebɔ saa afɔdeɛ no a, ɔman no mu mpanimfoɔ de wɔn nsa bɛgu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim. Na ɔsɔfoɔ no de ne mogya aba Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade ne ntoma a ɛtwa ɛdan no mu no anim. Ɔde mogya bɛgu mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu wɔ Awurade anim. Afei ɔbɛhwie mogya a aka wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no afɔrebukyia no ase no agu wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Sradeɛ a ɛwɔ aboa no mu nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔyi na wɔhye no wɔ afɔrebukyia no so. Ɔbɛfa ɛkwan a wɔfa so bɔ bɔne ho afɔdeɛ no so pɛpɛɛpɛ. Yei bɛma ɔsɔfoɔ no abɛyɛ mpatadeɛ ama ɔman no na wɔde obiara bɔne bɛkyɛ no. Afei asɔfoɔ no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beaeɛ foforɔ bi so akɔhye no wɔ hɔ te sɛ deɛ ɔrebɔ ɔbaakofoɔ bɔne ho afɔdeɛ no. Nanso yei deɛ, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔdeɛ.

“ ‘Sɛ mpanimfoɔ no bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom Awurade Onyankopɔn mmara no baako na wɔma no te ne ho ase a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔpapo a ne ho nni dɛm ba sɛ nʼafɔrebɔdeɛ. Ɔde ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ mmoa no de ama Awurade no. Yei yɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Afei, ɔsɔfoɔ no de ne nsateaa baako bɛbɔ afɔrebɔdeɛ mogya no mu na ɔde afɔre afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no mmɛn no ho; na afei wɔahwie mogya no nkaeɛ agu afɔrebukyia no ase. Wɔbɛhye sradeɛ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so te sɛ deɛ wɔhye asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanin ko no wɔ ne bɔne no ho na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.

“ ‘Sɛ ɔpapahwekwaa bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom a, ɔdi ho fɔ. Nanso ɔnya te ne ho ase ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibereɛ a ne ho nni dɛm ba ma wɔde pata ne bɔne no. Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no. Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Afei, ɔsɔfoɔ no bɛhwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase. Wɔbɛyi sradeɛ no nyinaa afiri mu te sɛ deɛ wɔfa bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no ara. Na ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so. Na Awurade ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

“ ‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde odwammaa bɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbereɛ a ɛdɛm biara nni ne ho. Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne no afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Na wahwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase. Wɔbɛyɛ sradeɛ no sɛdeɛ wɔyɛ asomdwoeɛ odwammaa sradeɛ no. Ɔsɔfoɔ no bɛhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so te sɛ afɔdeɛ ahodoɔ a wɔde ogya bɔ ma Awurade no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa ko no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

Read More of 3 Mose 4

3 Mose 5:1-13

Bɔne Ahodoɔ A Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ Ho Afɔdeɛ

“ ‘Obiara a ɔnka bɔne bi a ɔnim ho biribi ho hwee no di ho fɔ.

“ ‘Obiara a ɔde ne nsa ka adeɛ bi a amanneɛ kwan so, ɛho nte, te sɛ aboa bi a ne ho nteɛ no funu, sɛ ɔyɛ wiram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea fam no, mpo sɛ wɔnnim sɛ wɔn ho agu fi a, wɔbɛfa no sɛ wɔn ho nte na wɔdi fɔ. Sɛ obi anhyɛ da na ɔde ne nsa ka biribi a ɛfiri onipa mu a ɛho nte na ɔte ne ho ase sɛ wayɛ saa adeɛ no a, ɔdi ho fɔ. Sɛ obi ka ntam a, sɛ ntam no yɛ anaa ɛyɛ ntanhunu no, sɛ ɔhunu sɛ ɛyɛ ntanhunu a, ɔdi ho fɔ. Sɛ obi di yeinom bi ho fɔ a, ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne no mu nokorɛ na ɔde odwanbereɛ anaa abirekyibereɛ bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔsɔfoɔ na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔdeɛ ama no. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no.

“ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa mfa mma Awurade a, ɔmfa nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔdeɛ na ɔbaako ayɛ ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ. Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no na ɔde anomaa a ɔdi ɛkan no abɔ bɔne afɔdeɛ no. Ɔbɛkyinsa aboa no kɔn nanso ɔrente ne ti mfiri so, na wapete ne mogya no bi agu afɔrebukyia no ho. Mogya no nkaeɛ no, ɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase. Yei ne afɔrebɔ kwan a ɛpepa bɔne. Ɔde anomaa a ɔtɔ so mmienu no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ ɔbɔɔ afɔdeɛ a ɛdi ɛkan no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama deɛ wayɛ bɔne no, na ɛnam so ma wɔde ne bɔne akyɛ no.

“ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ a, ɔde asikyiresiam papa lita mmienu ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhwam nso gu so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ bɔne afɔdeɛ. Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no. Na ɔsɔfoɔ no asa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no afɔrebukyia no so ama Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ biara. Yei bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ. Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikyiresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfoɔ no te sɛ afudeɛ afɔrebɔdeɛ no ara pɛ.’ ”

Read More of 3 Mose 5