3 Mose 15:1-33, 3 Mose 16:1-34 ASCB

3 Mose 15:1-33

Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monhyɛ saa mmara yi mma Israelfoɔ: ‘Ɔbarima biara a ne ho bɛsene aguo no, ne ho agu fi. Ɛberɛ a ne ho resene guo ne ɛberɛ a agyae no nyinaa ma ne ho gu fi.

“ ‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi; enti obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware. Obiara a ɔbɛtena akonnwa a ɔbarima no atena so so ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.

“ ‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no.

“ ‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasuo agu ne so no ho nte kɔsi anwummerɛ enti ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔdware.

“ ‘Ɔpɔnkɔ adwa biara a ɔbɛtena so no ho agu fi. Obiara a ne ho bɛka biribiara a aka saa onipa no ase no ho nte kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.

“ ‘Sɛ onipa a ne ho nte no rekɔsɔ obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no si ne ntoma, dware ne ho, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

“ ‘Sɛ saa onipa no sɔ ayowaa biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asene deɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde nsuo hohoro ho.

“ ‘Sɛ nʼahosene no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson firi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔsi ne ntoma na ɔkɔdware wɔ asubɔnten mu. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na ɔde ama ɔsɔfoɔ no. Ɔsɔfoɔ no de wɔn bɛbɔ afɔdeɛ a baako yɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako no nso yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; na ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no bɛyɛ mpatadeɛ wɔ Awurade anim ama ɔbarima no, ɛnam nʼahosene no enti.

“ ‘Sɛ ɔbarima biara ahobaa gu a, ɛsɛ sɛ ɔdware ne ho nyinaa, ɛfiri sɛ, ne ho nso nte kɔsi anwummerɛ. Ntoma anaa mpasotam biara a ahobaa no bi bɛgu mu no, ɛsɛ sɛ wɔsi, ɛfiri sɛ, ɛho nte kɔsi anwummerɛ. Sɛ ɔbarima fa ɔbaa a, wɔn nna no akyi, ɛsɛ sɛ ɔbaa no ne ɔbarima no nyinaa dware, ɛfiri sɛ, wɔn ho nte kɔsi anwummerɛ.

“ ‘Sɛ ɔbaa kɔ afikyire a, ne ho nte nnanson mu. Saa ɛberɛ no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho nte kɔsi anwummerɛ.

“ ‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa ɛberɛ no mu no nso ho agu fi. Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no bɛsi ne ntoma, adware, ɛfiri sɛ, onii no ho agu fi kɔsi anwummerɛ. Sɛ obi sɔ biribi a watena so mu nso a, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware, ɛfiri sɛ, ne ho agu fi kɔsi anwummerɛ, sɛ ɛyɛ ne mpasotam anaa nʼakonnwa.

“ ‘Sɛ ɔbarima ne no da saa ɛberɛ yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi.

“ ‘Sɛ ɛberɛ duru sɛ ɔfiri nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba ɛberɛ a ɛnsɛ mu wɔ bosome no mu a, mmara korɔ no ara na wɔde ka ho asɛm, na ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɔbɛda so saa ɛberɛ no ho agu fi te sɛ deɛ nʼafikyikɔ berɛ mu ɔtena biribi so a, ɛho gu fi no ara pɛ. Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no ho agu fi a ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma, sane dware, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

“ ‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na ɔnni efi mu bio. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na ɔsɔfoɔ no de baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde baako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ayɛ mpatadeɛ ama ɔbaa no wɔ Awurade anim wɔ nʼafikyikɔ no ho fi no ho.

“ ‘Saa ɛkwan yi so na sɛ Israelfoɔ no bi ho gu fi a, mobɛfa de ate wɔn ho anyɛ saa a, ɛsiane sɛ wɔagu mʼAhyiaeɛ Ntomadan a ɛsi wɔn mu no ho fi enti, wɔbɛwuwu.’ ”

Yeinom ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho sene ne ɔbaa a wakɔ afikyire ne obiara a ɔde ne ho ka ɔsakyimafoɔ wɔ ɛberɛ a ne ho nteɛ no mu no.

Read More of 3 Mose 15

3 Mose 16:1-34

Mpata Da

Aaron mmammarima baanu a wɔwuwuu wɔ Awurade anim wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamutam no akyi beaeɛ a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beaeɛ hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a ɔbɛwu, ɛfiri sɛ, mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beaeɛ so no mu.

“Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ ɔdware na ɔhyɛ atadeɛ nahanaha ne ne nhyɛaseɛ na ɔbɔ abɔwomu ne abotire. Afei, Israelfoɔ bɛbrɛ no mmirekyie mmienu a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ.

“Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔde nantwie ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔdeɛ a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ. Afei, ɔde mmirekyie mmienu no bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na wɔabɔ wɔn so ntonto ahunu Awurade deɛ, ne deɛ ɛsɛ sɛ wɔsane de no korɔ. Aaron de abirekyie a wɔde no rebɛbɔ Awurade afɔdeɛ no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Wɔrenkum abirekyie baako a aka no na wɔde no aba Awurade anim. Wɔbɛyɛ mpatadeɛ ho dwumadie bi agu ne so na wɔde no akɔ ɛserɛ so akɔgya no wɔ hɔ sɛ mpatadwan.

“Aaron de nantwinini ba no abɔ bɔne ho afɔdeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ awie no, ɔbɛfa adeɛ a wɔhye aduhwam wɔ mu a egyasramma a wɔfaa no Awurade afɔrebukyia no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhwam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamutam no akyi. Ɛhɔ na ɔde aduhwam no bɛgu bidie no so wɔ Awurade anim na ayi wisie kumɔnn wɔ mpata beaeɛ apam ne adaka (a aboɔ apono a wɔatwerɛ Mmaransɛm Edu agu so wɔ mu) no so nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenwu. Na ɔde nantwinini ba no mogya no bi bɛba na ɔde ne nsateaa baako abɔ mu apete mpata beaeɛ hɔ apueeɛ fam na wapete no mprɛnson wɔ animu.

“Afei, ɛsɛ sɛ ɔfiri adi na ɔde abirekyie no kɔbɔ ɔmanfoɔ no bɔne ho afɔdeɛ na wɔde ne mogya no ba ntwamutam no akyi na wɔpete gu mpata beaeɛ hɔ ne animu sɛdeɛ ɔde nantwinini ba no mogya no yɛeɛ no ara pɛ. Na ɛkyerɛ sɛ, wayɛ mpatadeɛ ama beaeɛ kronkron hɔ, ɛfiri sɛ, Israelfoɔ bɔne ama efi aka beaeɛ hɔ ne Ahyiaeɛ Ntomadan no a wɔasi wɔ wɔn mfimfini hɔ no. Sɛ Aaron wura Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔ kronkronbea hɔ rekɔyɛ mpatadwuma no a, ɛnni ho kwan sɛ obiara kɔ hɔ bi, gye sɛ ɔyɛ mpatadeɛ no ma ne ho ne ne fiefoɔ ne Israelfoɔ nyinaa wie.

“Afei, ɔbɛkɔ afɔrebukyia no ho wɔ Awurade anim akɔyɛ mpatadeɛ ama afɔrebukyia no. Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba no ne abirekyie mogya no fɔre mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no ho, na ɔde ne nsateaa baako pete mogya no mprɛnson gu afɔrebukyia no so de te ho firi Israelfoɔ bɔne no ho yɛ no kronkron.

“Sɛ ɔwie mpatadeɛ a ɛfa kronkronbea hɔ ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔrebukyia no ho a, ɔde abirekyie no bɛba anikann de ne nsa mmienu agu aboa no apampam, na waka atirimuɔden ne atuateɛ a Israelfoɔ ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyie no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ ɛserɛ so. Enti abirekyie no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na onii no agyaa no wɔ ɛserɛ so hɔ.

“Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ bio akɔworɔ nʼatadeɛ nahanaha a ɔhyɛɛ wɔ ntwamutam no akyi no na wagya no wɔ hɔ. Ɔbɛkɔ akɔdware wɔ baabi a wɔate hɔ ho na wahyɛ ne ntadeɛ no bio na wafiri adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyeɛ afɔdeɛ asane abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama nnipa no na wayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne wɔn. Ɔbɛhye sradeɛ de abɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.

“Akyire no, ɔbarima a ɔde abirekyie no kɔɔ ɛserɛ so no bɛsi ne ntoma na wadware na wasane aba beaeɛ hɔ bio. Na nantwie ba ne abirekyie a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔyɛɛ mpatadeɛ no, wɔde wɔn bɛkɔ sraban no akyiri baabi akɔhye a wɔn ho nhoma ne wɔn ayamdeɛ ka ho. Akyire yi, onipa a ɔrebɛhye afɔrebɔdeɛ no bɛsi ne ntoma, adware na wasane akɔ beaeɛ hɔ bio.

“Yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Ɔbosome a ɛtɔ so nson dadu so no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa ɛda no nkari mo ho nhwɛ wɔ ahobrɛaseɛ mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so anaa ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ teɛ; ɛfiri sɛ, ɛda yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira wɔ mo bɔne ho wɔ Awurade anim. Ɛyɛ homeda a ɛsɛ sɛ mode home enti ɛsɛ sɛ modi ɛda no dinn wɔ ahobrɛaseɛ mu. Ɛyɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Saa ahyɛdeɛ yi, awoɔ ntoatoasoɔ akyi, Ɔsɔfopanin a wɔasra no no na ɔbɛsi ne nana Aaron anan adi ho dwuma wɔ beaeɛ hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔhyɛ atadeɛ kronkron nahanaha no na ɔyɛ mpatadeɛ wɔ kronkronbea hɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, afɔrebukyia no so, de ma asɔfoɔ no ne nnipa no.

“Yei bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo, na Israelfoɔ bɔne enti, moagyina so afe biara de ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ afiri wɔn bɔne nyinaa mu.”

Na Mose dii mmara a Awurade hyɛ maa no nyinaa so.

Read More of 3 Mose 16