3 Mose 1:1-17, 3 Mose 2:1-16, 3 Mose 3:1-17 ASCB

3 Mose 1:1-17

Ɔhyeɛ Afɔrebɔ

Afei, Awurade kasa firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kyerɛɛ Mose sɛ, “Kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔdeɛ a, momfa mo anantwie ne mo nnwan no bi na mommɔ saa afɔdeɛ no.

“ ‘Sɛ mo afɔrebɔdeɛ a mode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ nantwie a ɔfiri mo nantwibuo mu a, momfa nantwie a ɔnnii dɛm na mommɔ saa afɔdeɛ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɛhɔ na asɔfoɔ no bɛgye wʼayɛyɛdeɛ a wode rebrɛ Awurade no. Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no tiri so sɛ mpatadeɛ ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wuo sene sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bɛwu sɛ ne bɔne so akatua. Afɔrebɔni no bɛkum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmammarima asɔfoɔ no asɔ aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔrebukyia a ɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano no ne ɛho nyinaa. Afei, asɔfoɔ no bɛpa aboa no ho nhoma na wɔabobɔ. Na ɔsɔfoɔ Aaron mmammarima no bɛsɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so. Na wɔde aboa no afaafa bi ne ne ti ne ne sradeɛ agu nnyensin no so. Wɔnhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan ho na asɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so na ayɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.

“ ‘Sɛ aboa a wɔde no rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara. Onipa a ɔde no baeɛ no bɛkum no Awurade anim wɔ afɔrebukyia no atifi na Aaron mmammarima asɔfoɔ no apete mogya no agu afɔrebukyia no so ne ɛho nyinaa. Ɔbɛhyehyɛ ɛnam no na asɔfoɔ no de nʼasinasini no ne botire no ne ne sradeɛ no agu nnyensin a ɛgu afɔrebukyia no so no so. Wɔde nsuo bɛhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan no ho ansa na asɔfoɔ no ahye no afɔrebukyia no so de ama Awurade; ɛfiri sɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ sɔ Awurade ani.

“ ‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma. Ɔsɔfoɔ no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔrebukyia no so na wate ne ti ahye no, na ne mogya no, ɔbɛsɔne agu afɔrebukyia no nkyɛn. Afei, ɔsɔfoɔ no bɛyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na wato agu nsõ no mu wɔ afɔrebukyia no apueeɛ fam. Afei, ɔbɛtwe nʼatabu mu ama emu ntini no atete asensɛn hɔ. Na ɔsɔfoɔ no ahye no wɔ afɔrebukyia no so na Awurade de anigyeɛ bɛgye saa afɔrebɔ yi.

Read More of 3 Mose 1

3 Mose 2:1-16

Atokoɔ Afɔrebɔ

“ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ ɔde asikyiresiam a ɛyɛ fɛ a wahwie ngo agu so de aduhwam afra na ɛbɔ. Ɛsɛ sɛ ɔsa ne nsabuo ma de si aduane no nyinaa anan de ma asɔfoɔ no mu baako hye sɛ afɔrebɔdeɛ, na ɛbɛyɛ Awurade anisɔ. Ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam no nkaeɛ ma Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔn aduane; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ ama Awurade.

“ ‘Sɛ wɔde burodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔreka nni mu na ɛbɔ saa afɔdeɛ no. Motumi de burodo ntrawa dɛɛdɛ a mmɔreka nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔdeɛ ma ɛyɛ yie. Sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aduane a wɔato no dadeɛ so a, asikyiresiam muhumuhu a mmɔreka mfra mu na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔdeɛ no. Mommubu mu asinasini na monhwie ngo ngu so na ɛnyɛ sɛ atokoɔ afɔdeɛ ara pɛ. Sɛ monoa mo afɔdeɛ no wɔ kyɛnsee mu a, ɛno nso, momfa asikyiresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔdeɛ no. Sɛ moyɛ aduane bi, sɛ motooɛ, sɛ mokyeeɛ anaasɛ mohoeɛ no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔrebɔdeɛ no kɔma ɔsɔfoɔ na ɔno nso de kɔ afɔrebukyia no anim de kɔma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no mu kakra bi na ɛsɛ sɛ asɔfoɔ no hye, nanso Awurade ani bɛsɔ ade mu no nyinaa. Deɛ ɛbɛka no yɛ asɔfoɔ no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.

“ ‘Afɔrebɔ a mode asikyiresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔreka mfra mu, ɛfiri sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔreka anaa ɛwoɔ fra mu. Mode bɛbrɛ Awurade sɛ aduanekan afɔrebɔdeɛ, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani. Momfa nkyene mfra afɔrebɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, nkyene yɛ nkaedeɛ wɔ Onyankopɔn apam no mu.

“ ‘Sɛ mode mo mfudeɛ a ɛdi ɛkan mu aba kane rebɛbɔ afɔdeɛ a, emu aburoo no monhwane ho na monkye na momfa mma Awurade. Momfa ngo ne aduhwam nyɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ atokoɔ afɔdeɛ. Na asɔfoɔ no bɛhye aburoo no bi a wɔde ngo ne aduhwam afra no sɛ nkaedeɛ wɔ Awurade anim.

Read More of 3 Mose 2

3 Mose 3:1-17

Asomdwoeɛ Afɔrebɔ

“ ‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, ɔtumi de nantwinini anaa nantwibereɛ bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ deɛ ne ho nni dɛm biara. Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Na Aaron mmammarima no apete aboa no mogya agu afɔrebukyia no ho, na wɔahye aboa no ayamdeɛ ne ɛho sradeɛ nyinaa ne ne sawa mmienu no ne ne sisia ne ne sawa kotokuo wɔ Awurade anim. Na ɛbɛsɔ Awurade ani yie.

“ ‘Sɛ abirekyie anaa odwan na mode bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ ɛdɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbereɛ. Sɛ mode odwan ba sɛ mo akyɛdeɛ a, momfa mo nsa ngu nʼapampam na monkum no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Afei, Aaron mmammarima no bɛpete mogya no agu afɔrebukyia no ho nyinaa. Saa asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ yi, fa bi na wɔmfa mma Awurade sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho sradeɛ, sradeɛ a ɛwɔ ne yam adeɛ nyinaa ho, ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn ne sisia ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi ɛno ne ne sawa no ka ho. Ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so sɛ aduane a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade.

“ ‘Sɛ obi de abirekyie brɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a, fa wo nsa gu aboa no apampam naku no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Aaron mmammarima de aboa no mogya bɛpete afɔrebukyia no ho nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔhye saa afɔrebɔdeɛ yi fa bi ma Awurade. Saa afɔrebɔdeɛ fa no yɛ aboa no yam sradeɛ, ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn nʼasene mu ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi aka ne sawa no ho. Ɔsɔfoɔ no bɛhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Kae sɛ sradeɛ no nyinaa yɛ Awurade dea.

“ ‘Yei ne mmara a monni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Monnni sradeɛ anaa mogya.’ ”

Read More of 3 Mose 3