Atemmufoɔ 20:1-48, Atemmufoɔ 21:1-25 ASCB

Atemmufoɔ 20:1-48

Israelfoɔ Tu Benyaminfoɔ So Sa

Afei, Israelfoɔ nyinaa; ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba ne Gilead asase so bɛhyiaa Awurade anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa. Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuo no nyinaa ntuanofoɔ, akofoɔ mpem ahanan a wɔkurakura akofena kɔɔ Onyankopɔn mma dwabɔ no ase. (Nkra duruu Benyamin asase so sɛ Israelfoɔ mmusuakuo a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfoɔ no bisaa deɛ ɛyɛeɛ a saa awudisɛm yi siiɛ.

Enti, Lewini a ɔyɛ ɔbaa a wɔkumm no no kunu no kaa sɛ, “Me ne me mpena baa Gilead a ɛwɔ Benyamin asase so bɛdaa hɔ. Anadwo no Gilead ntuanofoɔ no mu bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ, pɛɛ sɛ wɔkum me, na wɔtoo me mpena no monnaa ma ɔwuiɛ. Mefaa me mpena no twitwaa no asinasini de esini baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Ɛfiri sɛ, saa mmarima yi ayɛ atantansɛm ne aniwusɛm wɔ Israel. Enti, seesei, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa fa adwene wɔ yei ho.”

Nnipa no nyinaa sɔre buaa sɛ, “Yɛn mu biara rensane nkɔ fie. Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahunu wɔn a wɔbɛkɔ akɔto ahyɛ Gibea so. Abusuakuo biara mu mmarima nkyɛmu edu mu baako na wɔbɛyi wɔn ama wɔama yɛn akofoɔ no nnuane, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Geba so wereɛ wɔ animguasedeɛ a wɔayɛ wɔ Israel no.” Enti, Israelfoɔ nyinaa ano kɔɔ bɛnkorɔ mu boaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛkɔ akɔto ahyɛ kuro no so.

Israelfoɔ no somaa abɔfoɔ kɔɔ Benyamin abusuakuo no mu kɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn awurukasɛm na moayɛ wɔ mo mu yi? Monyi saa amumuyɛfoɔ a wɔfiri Gibea no mmra, na yɛnkum wɔn na yɛntu saa awurukasɛm yi ase mfiri Israel.”

Nanso, Benyaminfoɔ no antie. Mmom, wɔfifiri wɔn nkuro mu boaa wɔn ho ano wɔ Gibea sɛ wɔne Israelfoɔ no rebɛko. Akofoɔ mpem aduonu nsia a wɔkurakura akofena kɔduruu Gibea, kɔkaa akofoɔ ahanson a na wɔte hɔ dada no ho. Na Benyamin akofoɔ no mu ahanson yɛ abenkumma a wɔn mu biara yɛ toamfom wɔ ahwimmoɔ toɔ mu. Na Israelfoɔ wɔ akofoɔ mpem ahanan a wɔkurakura akofena a Benyamin akofoɔ nka ho.

Ansa na wɔrebɛfiri ɔko no ase no, Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔbisaa Onyankopɔn sɛ, “Abusuakuo bɛn na ɛsɛ sɛ wɔdi ɔko no anim tia Benyaminfoɔ no?”

Awurade buaa sɛ, “Yuda na ɛsɛ sɛ wɔdi animu.”

Enti, Israelfoɔ no siim anɔpahema kɔkyeree sraban wɔ baabi a ɛbɛn Gibea. Afei, wɔtu teneeɛ de wɔn ani kyerɛɛ Gibea sɛ wɔrekɔto ahyɛ Benyamin mmarima no so. Nanso, Benyamin akofoɔ a na wɔrebɔ kuro no ho ban no pue kunkumm Israelfoɔ no ɔpeduonu mmienu wɔ akono hɔ ɛda no ara.

Nanso, Israelfoɔ nyaa akokoɔduru boaa wɔn ho ano wɔ baabi a wɔkoo ɛda a ɛdi animu no. Na wɔakɔ Bet-El akɔsu wɔ Awurade anim akɔsi anwummerɛ. Afei, wɔbisaa Awurade sɛ, “Yɛne yɛn ara abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin nko bio anaa?”

Na Awurade buaa sɛ, “Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko.”

Enti, wɔkɔko tiaa Benyamin akofoɔ no, na Benyamin mmarima no sane kumm Israelfoɔ akofoɔ a wɔnim akofena akodie yie no mpem dunwɔtwe.

Ɛnna Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔsuu wɔ Awurade anim kyenee kɔm kɔsii anwummerɛ. Wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ maa Awurade. Na Israelfoɔ kɔɔ Awurade anim kɔpɛɛ akwankyerɛ. (Saa ɛberɛ no na Onyankopɔn apam adaka no wɔ Bet-El, na Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ Aaron nana no na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ). Israelfoɔ no bisaa Awurade, sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛko tia yɛn ara yɛn abusuafoɔ Benyamin bio anaasɛ yɛnnyae?”

Awurade buaa sɛ, “Monkɔ! Ɔkyena mɛma moadi wɔn so nkonim.”

Enti, Israelfoɔ de atɛfoɔ twaa Gibea ho nyinaa hyiaeɛ. Ne nnansa so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ beaeɛ korɔ hɔ ara. Ɛberɛ a Benyaminfoɔ akofoɔ pue baeɛ wɔ ɔko so no, wɔtwee wɔn firii kuro no mu. Na sɛdeɛ na wɔayɛ pɛn no, wɔhyɛɛ aseɛ kunkumm Israelfoɔ no. Ɛbɛyɛ Israelfoɔ aduasa na wɔwuwuiɛ wɔ akono petee mu hɔ a ebi deda akwan a ɛkɔ Bet-El ne Gibea ho. Afei Benyamin akofoɔ no teaam sɛ, “Yɛredi wɔn so sɛdeɛ yɛdii wɔn so wɔ ɔko a ɛdi ɛkan no mu no!” Na saa ɛberɛ no na Israelfoɔ no apene so dada sɛ wɔbɛdwane ama Benyamin mmarima no ataa wɔn wɔ akwan no so, na ama wɔatwe wɔn afiri kuro no mu.

Ɛberɛ a Israelfoɔ akodɔm kɛseɛ no duruu Baal-Tamar no, wɔdanee wɔn ho koeɛ. Ɛhɔ na Israelfoɔ a wɔatɛ wɔ Geba no puee prɛko pɛ firi wɔn atɛeɛm kɔsii Benyaminfoɔ no akyi tohyɛɛ wɔn so. Ɔko no mu yɛɛ den ara kɔsii sɛ na Benyaminfoɔ no ntumi nhunu amanehunu a ɛbɛba. Ɛno enti, Awurade boaa Israel ma wɔdii Benyamin so nkonim. Saa ɛda no, Israelfoɔ kunkumm Benyamin akofoɔ no mpem aduonu enum ne ɔha, a na wɔn nyinaa nim akofena ano ko yie. Afei, Benyaminfoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo. Israelfoɔ no dwane firii Benyamin akofoɔ no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakɔ atɛ no bɛnya ɛkwan ayɛ wɔn adwuma. Afei, wɔn a na wɔatɛ no firii afanan nyinaa kɔɔ Gibea, kunkumm obiara a ɔwɔ kuro no mu. Wɔtuee wisie kumɔnn wɔ kuro no so, a ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma Israelfoɔ no sɛ wɔnsane mmra mmɛto nhyɛ Benyamin akofoɔ no so.

Saa ɛberɛ no na Benyamin akofoɔ no akum Israelfoɔ no aduasa, a wɔteaam sɛ, “Yɛredi wɔn so sɛdeɛ yɛdii wɔn so ɔko a ɛdi ɛkan no mu no!” Nanso, ɛberɛ a Benyamin akofoɔ no hwɛɛ wɔn akyi, na wɔhunuu wisie a atu nam ewiem wɔ kuro no mu baabiara no, Israelfoɔ no sane baeɛ bɛto hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofoɔ no hunuu sɛ asɛm aba na wɔbɔɔ huboa. Enti, wɔdwane de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so. Nanso, Israelfoɔ no taa wɔn kunkumm wɔn. Israelfoɔ no twaa Benyaminfoɔ no ho hyiaeɛ, taa wɔn anibereɛ so, kɔtoo wɔn wɔ Gibea atɔeɛ fam. Ɛda no, Benyamin akofoɔ akɛseɛ mpem dunwɔtwe na wɔtotɔɔ ɔko no mu. Wɔn a wɔanwuwu no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a ɛbɛn Rimon botan no ho. Nanso, Israelfoɔ no kunkumm wɔn mu mpem enum wɔ ɛkwan no so. Wɔtoaa so taa wɔn, kɔsii sɛ wɔkumm mpenu wɔ baabi a ɛbɛn Gidom kaa ho.

Enti, Benyamin abusuakuo no hweree akofoɔ akokoɔdurufoɔ ɔpeduonunum saa ɛda no, ma ɛkaa mmarima ahansia pɛ a wɔdwane kɔɔ ɔbotan Rimon ho kɔtenaa hɔ abosome ɛnan no. Afei Israelfoɔ no sane baeɛ bɛkunkumm abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu wɔ nkuro no nyinaa mu, firi nnipa so kɔsi anantwie ne biribiara so. Na kuro biara a wɔduruu so no, wɔhyee no dworobɛɛ.

Read More of Atemmufoɔ 20

Atemmufoɔ 21:1-25

Benyaminfoɔ Yerenom

Israelfoɔ aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmammaa mma ɔbarima biara a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu awadeɛ.

Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kɔsii anwummerɛ, maa wɔn nne so, suu dendeenden kaa sɛ, “Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, adɛn enti na saa asɛm yi asi? Seesei yɛn mmusuakuo no mu baako ayera!”

Adekyeɛ mu no, nnipa no tuaa nhema sii afɔrebukyia, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Wɔbisaa sɛ, “Abusuakuo bi wɔ hɔ a wannya ɔnanmusini ɛberɛ a yɛkɔɔ nhyiamu kɛseɛ wɔ Awurade anim wɔ Mispa no anaa?” Saa ɛberɛ no, na wɔaka ntankɛseɛ wɔ Awurade anim sɛ, obiara a wamma no, ɛsɛ sɛ ɔwu.

Na Israelfoɔ no dii yea wɔ Benyaminfoɔ no ho kaa sɛ, “Ɛnnɛ yi, abusuakuo baako afiri yɛn mu; na nʼase reyɛ atɔre. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama wɔn a wɔaka no, ɛsiane sɛ, yɛaka Awurade ntam sɛ yɛremfa yɛn mmammaa mu biara mma wɔn awadeɛ?”

Enti wɔbisaa sɛ, “Ɛberɛ a yɛde yɛn ho kyerɛɛ Awurade wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi anaa?” Ɛhɔ na wɔhunuu sɛ, obiara amfiri Yabes Gilead amma saa badwa no mu bi. Na wɔkan nnipa no nyinaa no, wɔannya obiara a ɔfiri Yabes Gilead. Enti, wɔsomaa akofoɔ mpem dumienu kɔɔ Yabes Gilead sɛ wɔnkɔkunkum obiara a ɔwɔ hɔ a mmaa ne mmɔfra ka ho. Wɔkaa sɛ, “Yei na ɛsɛ sɛ moyɛ. Monkum ɔbarima ne ɔbaa biara a ɔnyɛ ɔbaabunu.” Yabes Gileadfoɔ mu no, wɔhunuu mmaabunu ahanan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ.

Na Israelfoɔ badwa no somaa asomdwoeɛ abɔfoɔ ma wɔkɔɔ Benyaminfoɔ nkaeɛ no a na wɔte Rimon botan ho no nkyɛn. Na Benyaminfoɔ no sane kɔɔ wɔn afie mu, na wɔde mmaabunu a wɔfiri Yabes Gilead a wɔankum bi no maa wɔn awadeɛ. Nanso, mmaa no anso wɔn so.

Nnipa no dii Benyaminfoɔ no ho yea, sɛ Awurade ama mpaapaemu aba Israel mmusuakuo no mu. Enti, Israel ntuanofoɔ no bisaa sɛ, “Sɛ wɔatɔre mmaa a wɔfiri Benyamin ase yi, ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama mmarima a aka no? Ɛsɛ sɛ Benyaminfoɔ a aka no nya adedifoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Israel abusuakuo bi ase ntɔre. Nanso yɛrentumi mfa yɛn mmammaa mma wɔn awadeɛ, ɛfiri sɛ, yɛaka ntankɛseɛ sɛ, obiara a ɔde ne babaa bɛma Benyaminni awadeɛ no, Awurade nnome mmra ne so.” Afei wɔdwenee Awurade afeafe afahyɛ no ho, deɛ wɔdi wɔ Silo, a ɛwɔ Lebona ne Bet-El ntam, wɔ ɛkwan a ɛfiri Bet-El kɔsi Sekem no apueeɛ fam.

Na wɔka kyerɛɛ Benyamin mmarima a wɔda so hwehwɛ yerenom no sɛ, “Monkɔtɛ wɔ bobe nturo no mu. Sɛ mmaa a wɔfiri Silo no ba bɛsa wɔn asa no a, mompue mfiri bobe nturo no mu, na mo mu biara bɛtumi afa wɔn mu baako de no akɔ efie sɛ ne yere. Na sɛ wɔn agyanom ne wɔn nuanom mmarima ba sɛ wɔmpene so a, yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Yɛsrɛ mo, monte aseɛ. Momma wɔmfa mo mmammaa no, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a yɛkunkumm Yabes Gileadfoɔ no, yɛannya mmaa a ɛbɛso wɔn nyinaa so amma wɔn. Monnni ntam no ho fɔ, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mode mo mmammaa maa wɔn awadeɛ.’ ”

Enti, Benyamin mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no. Wɔwiawiaa mmaa a wɔbaa afahyɛ no ase, de wɔn kɔɔ asase a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ no so. Na wɔkyekyeree wɔn nkuro no bio tenaa mu. Na Israelfoɔ mmusuakuo ne mmusua no firii hɔ sane kɔɔ wɔn ankasa afie mu.

Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene, enti na deɛ nnipa no gye di sɛ ɛyɛ wɔ wɔn ani so no na wɔyɛ.

Read More of Atemmufoɔ 21