Atemmufoɔ 12:1-15, Atemmufoɔ 13:1-25 ASCB

Atemmufoɔ 12:1-15

Efraim Ne Yefta Ko

Efraim abusuakuo no boaboaa akodɔm ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn enti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfoɔ? Yɛrebɛhye wo ne wo fie nyinaa pasaa!”

Yefta buaa sɛ, “Mansotwe no ahyɛaseɛ no, mefrɛɛ mo, nanso moamma. Moammɛboa yɛn wɔ yɛne Amonfoɔ apereapereɛ no mu. Mede me nkwa too me nsam kɔkoeɛ a monnka ho, nanso Awurade ma medii Amonfoɔ so nkonim. Na adɛn enti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”

Efraimfoɔ ntuanofoɔ no buaa sɛ, “Gileadfoɔ nyɛ nnipa biara sɛ adwanefoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase.” Enti Yefta frɛɛ nʼakodɔm, wɔto hyɛɛ Efraimfoɔ so, dii wɔn so nkonim.

Yefta ko faa Yordan aworɔso. Ɛberɛ biara a odwanefoɔ bi a ɔfiri Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ dwane kɔ nʼakyi no, Gileadfoɔ no bisa no sɛ, “Wofiri Efraim abusua mu anaa?” Sɛ ɔbarima no bua sɛ, “Dabi” a, wɔka kyerɛ no sɛ, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ɔfiri Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Ɛfiri sɛ, nnipa a wɔfiri Efraim no ntumi nka saa asɛm no yie. Sɛ ɛba saa a, na wɔakye no akɔkum no wɔ Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ. Enti, Efraimfoɔ ɔpeduanan mmienu na wɔkunkumm wɔn saa ɛberɛ no.

Yefta yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ nsia. Ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Gilead nkuro no baako so.

Ibsan Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

Yefta akyi no, Ibsan na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔtenaa Betlehem. Na ɔwɔ mmammarima aduasa ne mmammaa nso aduasa. Ɔmaa ne mmammaa no warewaree firii mmusua foforɔ mu. Ne mmammarima no deɛ, ɔfaa mmaabunu aduasa firii mmusua foforɔ mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfeɛ nson. Ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Betlehem.

Elon Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

Ibsan akyi no, Elon a ɔfiri Sebulon na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔbuu Israel atɛn mfeɛ edu. Ɛberɛ a ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Ayalon, Sebulon asase so.

Abdon Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

Elon wuo akyi no, Hilel babarima Abdon a ɔfiri Piraton na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔnyaa mmammarima aduanan ne mmanananom aduasa a na wɔn mu biara tena mfunumu so. Ɔyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel mfeɛ nwɔtwe. Ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfoɔ bepɔ asase no so.

Read More of Atemmufoɔ 12

Atemmufoɔ 13:1-25

Samson Awoɔ

Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan.

Saa ɛberɛ no, ɔbarima bi tenaa Sora a ne din de Manoa a ɔfiri Dan abusuakuo mu. Na ne yere nnya awoɔ, enti na wɔnni mma. Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kaa sɛ, “Ɛwom sɛ wonnyaa awoɔ deɛ, nanso, ɛrenkyɛre worebɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsã a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwadeɛ. Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”

Ɔbaa no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Onyankopɔn onipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ no mu baako a ne ho yɛ hu yie. Mammisa no baabi a ɔfiri baeɛ, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwadeɛ. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɔbɛwu.’ ”

Na Manoa bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, mesrɛ wo, ma Onyankopɔn onipa no nsane mmra yɛn nkyɛn na ɔmmɛkyerɛ yɛn nhyehyɛeɛ a ɛfa abarimaa a yɛbɛwo noɔ no ho.”

Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfoɔ no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ ɛberɛ a ɔwɔ afuom. Nanso, na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ. Ɔbaa no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Ɔbarima a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me ɛda no no asane aba bio!”

Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Ɔduruu ɔbarima no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no anaa?”

Ɔbuaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me.”

Enti, Manoa bisaa no sɛ, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ ma abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ?”

Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Hwɛ sɛ wo yere bɛdi nhyehyɛeɛ a mekyerɛɛ noɔ no so. Ɛnsɛ sɛ ɔdi bobe anaa biribiara a ɛfiri bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ ɔdi aduane biara a ɛyɛ akyiwadeɛ.”

Enti, Manoa ka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Mesrɛ wo, tena ha kɔsi sɛ yɛbɛsiesie abirekyie ba bi ama woadi ansa na woakɔ.”

Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, motumi siesie ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛ afɔrebɔdeɛ de ma Awurade.” (Na Manoa anhunu sɛ ɔyɛ Awurade ɔbɔfoɔ.)

Afei, Manoa bisaa Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Wo din de sɛn? Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu a, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo animuonyam.”

Awurade ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente aseɛ.”

Afei, Manoa faa abirekyie ba no ne aduane afɔrebɔdeɛ de bɔɔ afɔdeɛ wɔ ɔbotan bi so maa Awurade. Na Manoa ne ne yere rehwɛ no, Awurade yɛɛ anwanwadeɛ bi. Egyadɛreɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no mu no tene kɔɔ ewiem no, Awurade ɔbɔfoɔ no faa mu foro kɔeɛ. Na Manoa ne ne yere hunuu saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam.

Ɔbɔfoɔ no anyi ne ho adi bio ankyerɛ Manoa ne ne yere. Afei, Manoa hunuu sɛ ɛyɛ Awurade ɔbɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Yɛbɛwuwu, ɛfiri sɛ, yɛahunu Onyankopɔn!”

Nanso, ne yere kaa sɛ, “Sɛ Awurade bɛkum yɛn a, anka wannye yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no. Anka ɔrenyi ne ho adi nkyerɛ yɛn, nka anwanwasɛm nkyerɛ yɛn, nyɛ saa anwanwadeɛ yi nso.”

Ɔbaa no woo ne babarima no, wɔtoo ne din Samson. Na abɔfra no renyini no, Awurade hyiraa no. Na ɛberɛ a ɔwɔ Mahane Dan a ɛwɔ Sora ne Estaol ntam no, Awurade Honhom hyɛɛ aseɛ baa ne so.

Read More of Atemmufoɔ 13