Yosua 8:1-35, Yosua 9:1-15 ASCB

Yosua 8:1-35

Israelfoɔ Di Ai So

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro anaasɛ mma wʼakoma nntu. Fa wʼasraadɔm no nyinaa na kɔto hyɛ Ai so, ɛfiri sɛ, mede Aihene, ne nkurɔfoɔ, ne kuropɔn ne nʼasase ama wo. Wobɛsɛe wɔn sɛdeɛ wosɛee Yeriko ne ne ɔhene no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, motumi fa asadeɛ ne anantwie no. Ma wʼasraafoɔ no nkɔtɛ kuropɔn no akyi.”

Na Yosua ne Israel akodɔm no siim sɛ wɔrekɔto ahyɛ Ai so. Yosua yii akodɔm ɔpeduasa, somaa wɔn anadwo, hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtɛ wɔ atɛeɛ a ɛwɔ kuropɔn no akyi na monyɛ krado mma ɔko. Sɛ yɛn asraafoɔ no to hyɛ Ai so a, Ai mmarima bɛfiri adi abɛko, sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no, na yɛbɛdwane. Yɛbɛma wɔataa yɛn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛfiri kuropɔn no mu. Na wɔbɛka sɛ ‘Israelfoɔ no redwane sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.’ Afei mobɛfiri mo atɛeɛ hɔ ntɛm so akɔfa kuropɔn no, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de bɛma mo. Monto kuropɔn no mu ogya sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. Monim deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ.”

Enti, wɔfirii hɔ anadwo no kɔtɛɛ Bet-El ne Ai atɔeɛ fam ntam. Nanso, Yosua deɛ, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ anadwo no.

Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua nyanee nʼakodɔm maa wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ai a Israel ntuanofoɔ ka wɔn ho. Wɔkɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ai atifi fam a bɔnhwa da wɔne kuropɔn no ntam. Anadwo no, Yosua somaa akodɔm mpem enum sɛ wɔnkɔtɛ Bet-El ne Ai ntam wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam. Enti, ɔmaa akodɔm no mu fa kɛseɛ gyinaa kuropɔn no atifi fam a na atɛfoɔ no bi nso wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam. Yosua ankasa deɛ, ɔtenaa bɔnhwa no mu anadwo no.

Aihene hunuu sɛ Israelfoɔ no wɔ bɔnhwa no fa nohoa no, ntɛm so, ɔne nʼakodɔm nyinaa sɔree anɔpahema kɔtoaa Israelfoɔ no, to hyɛɛ wɔn so wɔ Araba. Nanso, na ɔnnim sɛ atɛfoɔ bi wɔ kuropɔn no akyi. Yosua ne ne Israel akodɔm no dwane kɔɔ ɛserɛ no so yɛɛ sɛdeɛ Aifoɔ no adi wɔn so, enti Aifoɔ no frɛɛ mmarima a wɔwɔ kuropɔn no mu no nyinaa ma wɔbɛtaa Israelfoɔ no. Ɛyɛɛ saa maa wɔn nyinaa firii kuropɔn no mu. Anka obi biara wɔ Ai anaa Bet-El a wankɔtaa Israelfoɔ, na wɔgyaa kuro no maa ano daa hɔ.

Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Fa wo pea no kyerɛ Ai so, na mede kuropɔn no bɛma wo.” Enti, Yosua yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ noɔ no. Yosua nyamaa atɛfoɔ no ara pɛ, wɔsɔree pankran bɔ wuraa kuropɔn no mu. Wɔfaa kuropɔn no na wɔtoo mu ogya.

Aifoɔ no hwɛɛ wɔn akyi hunuu sɛ wisie kumɔnn aduru soro, na wɔannya baabi ankɔ, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ so no danee wɔn ani taa wɔn. Ɛberɛ a Yosua ne Israelfoɔ a wɔaka no hunuu sɛ atɛfoɔ no afa kuropɔn no, na wisie ayɛ kumɔnn wɔ ewiem no, wɔdanee wɔn ho bɛto hyɛɛ Aifoɔ no so. Israelfoɔ a na wɔwɔ kuropɔn no mu firii akyire hyɛɛ aseɛ kunkumm atamfoɔ no. Enti Ai mmarima no dii nsensɛn mu na wɔn nyinaa wuwuiɛ. Anka obi biara. Ai ɔhene nko ara na wɔkyeree no anikann de no brɛɛ Yosua.

Ɛberɛ a Israelfoɔ akodɔm kunkumm Ai mmarima a wɔpue firii kuropɔn no mu wieeɛ no, wɔsane kɔɔ kuropɔn no mu kɔkunkumm wɔn a wɔaka wɔ mu nyinaa. Enti ɛda no, wɔkunkumm nnipa a wɔwɔ Ai nyinaa; na wɔn ano si mpem dumienu. Yosua sɔɔ ne pea no mu saa ara kɔsii sɛ obiara a ɔte Ai no, wɔsɛee no pasaa. Anantwie ne agyapadeɛ a ɛwɔ kuropɔn no mu nko ara na wɔansɛe no; Israelfoɔ no ankasa faeɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no.

Enti, Ai bɛdanee mmubuiɛ esie ne asase bonini de bɛsi ɛnnɛ. Yosua sɛnee Ai ɔhene wɔ dua bi so gyaa no dua no so kɔsii anwummerɛ. Owia kɔtɔeɛ no, Israelfoɔ no yii amu no de no kɔtoo kuropɔn no ɛpono ano. Wɔhyɛɛ aboɔ esie wɔ ne so a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.

Wɔhyɛ Awurade Apam No Mu Den

Yosua sii afɔrebukyia maa Awurade, Israel Onyankopɔn, wɔ Ebal bepɔ so. Ɔdii nkyerɛkyerɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu sɛ, “Fa aboɔ a wɔntwaeɛ na wɔmfaa adwinnadeɛ nsensenee ho si afɔrebukyia ma me.” Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade wɔ afɔrebukyia no so. Na Yosua twerɛɛ Mose Mmara no guu afɔrebukyia no aboɔ no so wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ no rehwɛ no. Afei, Israelfoɔ nyinaa, ahɔhoɔ ne ɔmanfoɔ, ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ ne atemmufoɔ nyinaa, wɔkyɛɛ wɔn mu akuo mmienu. Ekuo baako gyinaa Gerisim bepɔ ayaase ɛnna ekuo baako nso gyinaa Ebal bepɔ ayaase. Akuo mmienu yi dii nhwɛanimu. Na Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa wɔn mfimfini. Wɔyɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade ɔsomfoɔ Mose nkyerɛkyerɛ a ɔnam so hyiraa Israelfoɔ no teɛ.

Afei, Yosua kenkanee nhyira ne nnome nsɛm a Mose atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu no kyerɛɛ wɔn. Asɛm biara a Mose ahyɛ no, Yosua kenkan kyerɛɛ ɔman mu no a mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ no teɛ no nso ka ho.

Read More of Yosua 8

Yosua 9:1-15

Gibeonfoɔ Daadaa Israelfoɔ

Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. (Yeinom ne Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ahemfo a na wɔtete mmepɔ nsase a ɛwɔ atɔeɛ fam mmepɔ ayaase ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoano kɔsi Lebanon atifi fam mmepɔ so tɔnn.) Saa ahemfo yi boaa wɔn akodɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfoɔ.

Nanso Gibeonfoɔ tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no, wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifoɔ kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotokuo a atete ne mmoa nwoma nsã nkotokuo a ayɛ dada na wɔatetɛ mu soaa wɔn mfunumu. Wɔhyehyɛɛ ntadeɛ dada ne mpaboa a akyɛre na wɔapempam. Afei wɔfaa burodo a abɔ ntu sɛ wɔn aduane. Wɔduruu Israelfoɔ atenaeɛ wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarimma no sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri ɔman bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoeɛ apam.”

Israelfoɔ no buaa saa Hewifoɔ9.7 Na Hewifoɔ yɛ nnipa bi a wɔn ase firi Mesopotamia. 2 Samuel mu, wɔka sɛ wɔyɛ Amonfoɔ. yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ monnte mmɛn ha? Ɛfiri sɛ, sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.”

Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”

Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ na mofiri he?”

Wɔbuaa sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri asase bi so. Yɛate Awurade, mo Onyankopɔn no kɛseyɛ ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa. Afei yɛate deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no). Ɛno enti, yɛn mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Monsiesie mo ho mma akwantuo tenten. Monkɔhyia Israelfoɔ na mompae mu nka sɛ, “Yɛn nkurɔfoɔ bɛyɛ wɔn asomfoɔ na mompere asomdwoeɛ.” ’ Yɛresi mu no, na burodo yi yɛ hyeehyeehye a ɛfiri fononoo mu. Nanso sɛdeɛ mohunu no, akyenkyene na abɔ ntu. Saa mmoa nwoma nsã nkotokuo yi, ɛberɛ a yɛde nsã guu mu no na ɛyɛ foforɔ, nanso seesei, apaapae ayɛ dada. Na yɛn ntadeɛ ne mpaboa nso, ɛsiane akwantuo tenten enti, atete.”

Enti, Israelfoɔ no hwehwɛɛ wɔn burodo no ho nanso wɔammisa Awurade. Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoeɛ apam no na Israel mpanimfoɔ no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu.

Read More of Yosua 9