Yohane 8:31-59 ASCB

Yohane 8:31-59

Yudafoɔ Ahohoahoa

Yesu ka kyerɛɛ Yudafoɔ a wɔgyee no diiɛ no sɛ, “Sɛ modi me nsɛm so a, moyɛ mʼasuafoɔ. Ɛno ansa na mobɛhunu nokorɛ no na nokorɛ no bɛma mo ade mo ho.”

Nnipa no buaa no sɛ, “Yɛn deɛ yɛyɛ Abraham asefoɔ. Yɛnkɔɔ nkoasom mu da, na ɛyɛ dɛn na woka sɛ wobɛma yɛade yɛn ho?”

Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa. Akoa biara nni kyɛfa wɔ abusua mu nanso ɔba deɛ, daa ɔwɔ kyɛfa wɔ abusua mu. Ɛno enti, sɛ ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa. Megye tom sɛ moyɛ Abraham asefoɔ nanso morehwehwɛ me akum me, ɛfiri sɛ, monni ne nkyerɛkyerɛ so. Deɛ mʼAgya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm, na mo deɛ, deɛ mo agya aka akyerɛ mo no na modi so.”

Nnipa no kaa sɛ, “Yɛn agya ne Abraham.”

Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ Abraham asefoɔ ampa a, anka ne nnwuma a ɔyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ. Deɛ mayɛ ne sɛ maka nokorɛ a mote firii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ yei. Moreyɛ deɛ mo agya yɛeɛ.”

Nnipa no sane kaa sɛ, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.”

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, ɛfiri sɛ, ne nkyɛn na mefiri baeɛ na mewɔ ha. Mamfiri me pɛ mu na mebaeɛ; ɔno na ɔsomaa me. Adɛn enti na monte nsɛm a mereka yi ase? Ɛfiri sɛ, mompɛ sɛ mote aseɛ. Mo deɛ, ɔbonsam ne mo agya, na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifoɔ firi ahyɛaseɛ. Ɔnni nokorɛ da, ɛfiri sɛ, ɔnyɛ ɔnokwafoɔ. Sɛ ɔdi atorɔ a, ɛnyɛ nwanwa ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya. Nanso me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ enti na monnye me nni no. Mo mu hwan na ɔbɛtumi aka sɛ medi bɔne bi ho fɔ? Sɛ meka nokorɛ a, adɛn enti na monnye me nni? Obiara a ɔfiri Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo deɛ, ɛsiane sɛ momfiri Onyankopɔn mu no enti na montie nʼasɛm no.”

Yesu Ne Abraham

Yudafoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani a honhommɔne ahyɛ wo ma a, na yɛboa anaa?”

Yesu buaa sɛ, “Menni honhommɔne. Medi mʼAgya ni na mo deɛ monni no ni. Memmpere nhwehwɛ animuonyam mma mʼankasa me ho. Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na ɔdi ma me. Meka nokorɛ pefee kyerɛ mo sɛ, obiara a ɔdi mʼasɛm so no renwu da.”

Yudafoɔ no nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei na yɛahunu ampa ara sɛ wowɔ honhommɔne! Abraham wuiɛ. Adiyifoɔ no nso wuwuiɛ. Nanso, wo deɛ woka sɛ, ‘Obiara a ɔdi mʼasɛm so no renwu da.’ Woyɛ kɛse sene yɛn agya Abraham anaa? Ɔwuiɛ; saa ara nso na adiyifoɔ no wuwuiɛ. Wosusu sɛ woyɛ hwan?”

Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ mʼankasa mehyɛ me ho animuonyam a, mʼanimuonyam no nka hwee. MʼAgya a mo nso moka sɛ ɔyɛ mo Onyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me animuonyam. Mo deɛ, monnim no, nanso me deɛ, menim no. Sɛ meka sɛ mennim no a na meyɛ ɔtorofoɔ sɛ mo ara. Menim no na madi nʼasɛm nso so. Mo agya Abraham ani gyee sɛ ɔbɛhunu me ba a mɛba no. Ɔhunuiɛ na nʼani gyeeɛ.”

Yudafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Wonnii mfeɛ aduonum koraa na ɛyɛɛ dɛn na wohunuu Abraham?”

Yesu buaa sɛ, “Mereka nokorɛ pefee akyerɛ mo sɛ, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.” Yudafoɔ no tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no, nanso Yesu kɔhintaeɛ. Yei akyi no, ɔfirii asɔredan no mu hɔ kɔeɛ.

Read More of Yohane 8