Yeremia 51:15-64 ASCB

Yeremia 51:15-64

“Ɔde ne tumi bɔɔ asase;

ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu

na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.

Sɛ ɔbobɔm a, ɔsoro nsuo woro so;

ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano.

Ɔsoma anyinam ka ɔsutɔ ho

na ɔma mframa bɔ firi nʼakoradan mu.

“Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ;

sikadwumfoɔ biara anim agu ase, ɛsiane nʼahoni enti.

Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ;

wɔnni ahome biara wɔ wɔn mu.

Wɔn ho nni mfasoɔ, wɔyɛ aseredeɛ nneɛma;

sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.

Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom,

ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ

a nʼadedie abusuakuo ka ho bi.

Asafo Awurade ne ne din.

“Woyɛ me ko asaeɛ,

mʼakodeɛ a mede kɔ ɔsa;

mede wo dwerɛ amanaman,

mede wo sɛe ahennie bebree,

mede wo bobɔ apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ,

teaseɛnam ne wɔn kafoɔ,

mede wo dwerɛ mmarima ne mmaa,

mede wo dwerɛ nkɔkoraa ne mmabunu,

mede wo dwerɛ mmeranteɛ ne mmabaawa,

mede wo dwerɛ nnwanhwɛfoɔ ne nnwankuo,

mede wo dwerɛ akuafoɔ ne anantwie,

mede wo dwerɛ amradofoɔ ne adwumayɛfoɔ.

“Mɛtua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomsoɔ a wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ɔseɛ.

“Ao, bepɔ sɛefoɔ me ne wo anya,

wo a wosɛe asase nyinaa no,”

Awurade na ɔseɛ.

“Mɛtene me nsa wɔ wo so

mɛpia wo afiri abotan no so,

na mayɛ wo sɛ bepɔ a ɛnka hwee.

Wɔremfa ɔboɔ biara mfiri wo so nyɛ tweatiboɔ

anaa sɛ fapem mpo,

ɛfiri sɛ wobɛda mpan afebɔɔ,”

Awurade na ɔseɛ.

“Mompagya frankaa wɔ asase no so!

Monhyɛn totorobɛnto no wɔ amanaman no mu!

Monsiesie amanaman no ma wɔnkɔko ntia no;

Momfrɛfrɛ saa ahennie ahodoɔ yi ntia no:

Ararat, Mini ne Askenas.

Monnyi ɔsahene ntia no;

momfa apɔnkɔdɔm te sɛ mmɛbɛ mmra.

Monsiesie amanaman no ma wɔntu ne so sa,

mo ne Mede ahemfo,

wɔn amradofoɔ ne wɔn adwumayɛfoɔ nyinaa,

ne aman a wɔdi wɔn so nyinaa.

Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu,

ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babilonia

sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a

obiara rentumi ntena so no nsesaeɛ.

Babilonia nnɔmmarima agyae ko;

wɔhyehyɛ wɔn aban mu.

Wɔn ahoɔden asa;

wɔayɛ sɛ mmaa.

Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya,

na wɔabubu nʼapono akyi adaban.

Abɔfoɔ didi so

asomafoɔ didi so a

wɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ,

wɔafa ne kuropɔn no,

wɔagye atwaeɛ a ɛdeda asubɔnten no so afa,

na wɔde ogya ato ɔwora no mu,

na asraafoɔ no abɔ huboa.”

Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ:

“Ɔbabaa Babilonia ayɛ sɛ ayuporobea

wɔ ɛberɛ a wɔretiatia hɔ.

Aka kakraa bi, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no sɛ nnɔbaeɛ no aduru.”

“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛ yɛn,

ɔde yɛn ato ɔhaw mu,

wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni muo.

Wamene yɛn sɛ ɔtweaseɛ no

na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma,

na wape yɛn afiri nʼanom agu.

Ma ayakayakadeɛ a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,”

nnipa a wɔtete Sion na wɔka.

“Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,”

Yerusalem na ɔka.

Enti yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Hwɛ, mɛdi mo asɛm ama mo

na matɔ were ama mo;

Mɛma ɛpo a ɛwɔ no no awe

na mama ne asutene awewe.

Babilonia bɛyɛ mmubuiɛ sie,

sakraman atu

ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ,

baabi a obiara nteɛ.

Ne nkurɔfoɔ nyinaa bobom sɛ agyata,

wɔpɔ so te sɛ agyata mma.

Nanso ɛberɛ a wɔahwanyane wɔn ho no

mɛto ɛpono ama wɔn

na mama wɔaboboro nsã

sɛdeɛ wɔde nteateam bɛdi ahurisie,

na wɔadeda a wɔrennyane bio,”

Awurade na ɔseɛ.

“Mede wɔn bɛba

te sɛ nnwammaa a wɔrekɔkum wɔn,

te sɛ, nnwennini ne mpapo.

“Wɔbɛfa Sesak,

Sesak a agye asase nyinaa ayɛyie no!

Babilonia bɛyɛ ahodwiredeɛ

wɔ amanaman no mu!

Ɛpo bɛbunkam afa Babilonia so;

na nʼasorɔkye bɛkata ne so.

Ne nkuro bɛda mpan.

Ɛbɛyɛ anweatam a ɛso awo,

asase a obiara nte soɔ,

na obiara nntu ɛkwan mfa so.

Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia

na mama wape deɛ wamene agu.

Amanaman no nnto santene nkɔ ne nkyɛn bio.

Na Babilonia ɔfasuo bɛbubu.

“Me nkurɔfoɔ, Momfiri ne mu mfi!

Montu mmirika mpere mo nkwa!

Monnwane mfiri Awurade abufuhyeɛ ano.

Mommma mo bo ntu na monnsuro

sɛ mote atesɛm wɔ asase no so a;

atesɛm bɛba afeɛ yi na foforɔ bɛba afedan,

basabasayɛ ho atesɛm bɛba asase no so

a ɛfa sodifoɔ a wɔsɔre tia afoforɔ ho.

Na ampa ara ɛberɛ no bɛba

a mɛtwe Babilonia ahoni aso;

nʼasase no nyinaa anim bɛgu ase

na nʼatɔfoɔ nyinaa bɛhwehwe ase wɔ ne so.

Ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwo mu nyinaa

de ahosɛpɛ bɛteam agu Babilonia so,

ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ bɛfiri atifi fam

abɛto ahyɛ ne so,”

Awurade na ɔseɛ.

“Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, ɛsiane Israel atɔfoɔ enti,

sɛdeɛ atɔfoɔ a wɔwɔ ewiase nyinaa ahwehwe ase

ɛsiane Babilonia enti no.

Mo a mo adwane afiri akofena ano,

monkɔ na monntwentwɛn mo nan ase!

Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so,

na monnwene Yerusalem ho.”

“Wɔagu yɛn anim ase,

ɛfiri sɛ wasopa yɛn

na fɛreɛ akata yɛn anim,

ɛfiri sɛ amanfrafoɔ ahyɛne

Awurade efie kronkronbea ahodoɔ hɔ.”

“Nanso nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ,

“a mɛtwe nʼahoni aso,

na nʼasase so nyinaa

apirafoɔ bɛsi apinie.

Sɛ Babilonia kɔka ɔsoro mpo,

na ɔmiamia nʼaban tenten banbɔ mu a,

mɛsoma ɔsɛefoɔ abɛtia no,”

Awurade na ɔseɛ.

“Osu nnyegyeeɛ bi firi Babilonia,

ɔsɛeɛ kɛseɛ bi nnyegyeeɛ

firi Babiloniafoɔ asase so.

Awurade bɛsɛe Babilonia;

ɔbɛma nʼasotuatua nnyegyeeɛ no agyae.

Atamfoɔ a wɔte sɛ ahum bɛtu sɛ nsuo akɛseɛ aba ne so;

wɔn mmobom bɛgyegye.

Ɔsɛefoɔ bi bɛba abɛtia Babilonia;

wɔbɛfa ne nnɔmmarima nnommum

na wɔbɛbubu wɔn tadua mu.

Ɛfiri sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu;

ɔbɛtua so ka pɛpɛɛpɛ.

Mɛma nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ aboro nsã,

nʼamradofoɔ, ne mpanimfoɔ ne nnɔmmarima nso saa ara;

wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyane,”

sei na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade no seɛ.

Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:

“Wɔbɛdwiri Babilonia afasuo a ɛtrɛ no agu fam

na wɔbɛto nʼapono a ɛwoware no mu ogya;

nnipa no ha wɔn ho kwa,

ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛre mmom.”

Yei ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin na ɔyɛ Maseia nana no, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedie afe a ɛtɔ so ɛnan no mu. Na Yeremia atwerɛ amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nwoma mmobɔeɛ so, deɛ watwerɛ a ɛfa Babilonia ho nyinaa. Ɔka kyerɛɛ Seraia sɛ, “Sɛ woduru Babilonia a, hwɛ sɛ wo bɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛdeɛ obiara bɛte. Afei, ka sɛ, ‘Ao Awurade, woaka sɛ wobɛsɛe beaeɛ yi sɛdeɛ onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’ Sɛ wokenkane nwoma mmobɔeɛ yi wie a, kyekyere fam ɛboɔ ho, na to twene Asubɔnten Eufrate mu. Afei ka sɛ, ‘Sei na Babilonia ne ne nkurɔfoɔ bɛmem a wɔrensɔre bio, ɛsiane amanehunu a mede bɛba ne so no enti.’ ”

Yeremia nsɛm no awieeɛ nie.

Read More of Yeremia 51