Yeremia 29:24-32, Yeremia 30:1-24, Yeremia 31:1-14 ASCB

Yeremia 29:24-32

Semaia Nkra

Ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Watwerɛ krataa wɔ wo din mu akɔma nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ɔsɔfoɔ Maaseia babarima Sefania, ne asɔfoɔ a aka no nyinaa. Woka kyerɛɛ Sefania sɛ, Awurade ahyɛ wo ɔsɔfoɔ asi Yehoiada anan mu sɛ hwɛ Awurade efie no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dadeɛ kɔnnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ. Afei adɛn enti na wontwi Yeremia a ɔfiri Anatot a ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ wɔ mo mu no anim? Ɔde saa nkra yi abrɛ yɛn wɔ Babilonia: Ɛbɛkyɛ. Ɛno enti monsisi afie mfa mmɔ atenaseɛ; monyɛ nturo na monni emu aba.’ ”

Ɔsɔfoɔ Sefania kenkanee krataa no kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia. Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, “Fa saa nkra yi kɔma nnommumfoɔ no nyinaa sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade ka fa Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ wahyɛ mo nkɔm a mpo mansoma no, na wama moagye atorɔ adi enti, deɛ Awurade seɛ nie: Nokorɛm, mɛtwe Nehelamni Semaia ne nʼasefoɔ aso. Ɔrennya obiara a ɔbɛka wɔ saa nkurɔfoɔ yi mu, na ɔrenhunu nneɛma pa a mɛyɛ ama me nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ waka atuateɛ nsɛm atia me,’ ” Awurade na ɔseɛ.

Read More of Yeremia 29

Yeremia 30:1-24

Wɔgye Israel Si Hɔ

Asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ nie: “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: ‘Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nwoma mu. Nna bi reba,’ sɛdeɛ Awurade seɛ, ‘a mede me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na mede wɔn aba asase a mede me maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so,’ Awurade na ɔseɛ.”

Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: “Deɛ Awurade seɛ nie:

“ ‘Akomatuo nteateam na mete,

mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ.

Mommisa na monhunu:

Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa?

Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara

sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu,

na anim biara ayɛ bosaa saa?

Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa!

Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno.

Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob,

nanso, wɔbɛyi no afiri mu.

“ ‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ,

‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu,

na matete wɔn nkyehoma no mu;

ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio.

Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn

ne Dawid wɔn ɔhene,

a mɛpagya no ama wɔn.

“ ‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ;

mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’

deɛ Awurade seɛ nie.

‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri,

ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so.

Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ

na obiara renhunahuna no bio.

Me ne wo wɔ hɔ na mɛgye wo nkwa,’

Awurade na ɔseɛ.

‘Ɛwom sɛ mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,

wɔn a mebɔ mo hwete wɔ wɔn mu no,

nanso merensɛe mo korakora.

Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so;

meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’

“Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“ ‘Wo apirakuro ayɛ koankorɔ,

na ɛnni asaeɛ.

Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,

wo kuro no rennya aduro,

na worennya ayaresa.

Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo;

wo ho biribiara mfa wɔn ho.

Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ

na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe,

ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodo

na wʼamumuyɛ nso dɔɔso.

Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho,

wo yeadie a ano nni aduro ho?

Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti

na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ.

“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;

mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.

Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn.

Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so.

Nanso mɛma wo ahoɔden bio

na masa wo apirakuro,’

Awurade na ɔseɛ,

‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ,

Sion a wo ho nhia obiara.’

“Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“ ‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba

na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no;

wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so,

na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie.

Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri aba

ne ahosɛpɛ nnyegyeɛ.

Mɛma wɔadɔɔso,

na wɔn dodoɔ no so rente;

mɛhyɛ wɔn animuonyam,

na wɔremmu wɔn abomfiaa.

Wɔn mma bɛdi yie sɛ kane no,

mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim;

wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.

Wɔn adikanfoɔ bɛyɛ wɔn mu baako;

na wɔn sodifoɔ bɛfiri wɔn mu.

Mɛka no abata me ho na wabɛn me,

na hwan na ɔno ankasa bɛtumi de ne ho ama

sɛ ɔbɛbɛn me?’

Awurade na ɔseɛ.

‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfoɔ,

na mayɛ mo Onyankopɔn.’ ”

Hwɛ, Awurade ahum

bɛtu abufuhyeɛ mu,

ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ

amumuyɛfoɔ mpampam.

Awurade abufuo rennwo

kɔsi sɛ ɔbɛwie

nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa.

Nna a ɛreba no mu no

mobɛte yei ase.

Read More of Yeremia 30

Yeremia 31:1-14

“Saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛyɛ Israel mmusuakuo no nyinaa Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.”

Deɛ Awurade seɛ nie:

“Nnipa a wɔntotɔ wɔ akofena ano no

bɛnya adom wɔ anweatam so;

mede ahomegyeɛ bɛbrɛ Israel.”

Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ,

“Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo

mede adɔeɛ atwe mo.

Mede wo bɛsi hɔ bio

na wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu.

Wobɛfa wʼakasaeɛ bio

na wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa.

Bio, mobɛyɛ bobe nturo

wɔ Samaria nkokoɔ so;

akuafoɔ no bɛdua

na wɔadi so aba.

Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteam

wɔ Efraim nkokoɔ so sɛ,

‘Mommra momma yɛnforo nkɔ Sion

nkɔ Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn.’ ”

Deɛ Awurade seɛ nie:

“Momfa ahosɛpɛ nto nnwom mma Yakob;

Monteam mma amanaman mu dikanfoɔ.

Momma wɔnte mo ayɛyie na monka sɛ,

‘Ao Awurade gye wo nkurɔfoɔ,

Israel nkaeɛfoɔ no.’

Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so aba

na maboa wɔn ano afiri nsase ano.

Wɔn mu bi bɛyɛ anifirafoɔ, mpakye,

apemfoɔ ne mmaa a wɔwɔ awokoɔ mu.

Ɛdɔm kɛseɛ bɛsane aba.

Wɔde esu na ɛbɛba;

wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba.

Mede wɔn bɛfa nsuwa ho,

ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so,

ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya,

na Efraim yɛ me babarima piesie.

“Montie Awurade asɛm, Ao amanaman;

mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ,

‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn ano

na wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’

Na Awurade bɛgyina mu ama Yakob

na wagye wɔn afiri wɔn a

wɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam.

Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;

wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe a

ɛfiri Awurade hɔ mu,

atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo,

nnwammaa ne anantwie.

Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie,

na wɔrenni awerɛhoɔ bio.

Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye,

mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso.

Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ;

mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu.

Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so,

na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,”

Awurade, na ɔseɛ.

Read More of Yeremia 31