Hebrifoɔ 12:14-29 ASCB

Hebrifoɔ 12:14-29

Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoeɛ mu, na mommɔ mmɔden ntena ase tenenee mu. Anyɛ saa a, morenhunu Awurade. Monhwɛ yie na mo mu bi annane nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ sɛ afifideɛ a ɛyɛ nwono a ɛnyini ma ne bɔnwoma no ha afoforɔ. Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ odwamanfoɔ ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a ɔbuu nʼani guu nʼagyapadeɛ so tɔnee nʼabakan de gyee aduane no. Na afei ɛduruu ɛberɛ bi a ɔpɛɛ sɛ ne nsa ka nʼagya hɔ nhyira no, ɔde kamee no no. Ɛwom sɛ ɔde nisuo peree sɛ wanya adwensakyera deɛ, nanso anyɛ yie.

Onyankopɔn Animuonyam

Monhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyaframa, awerɛhoɔ, esum ne ahum sɛdeɛ Israelfoɔ no hyiaa Sinai Bepɔ no so ɛberɛ a Onyankopɔn de ne mmara no maeɛ no. Ɛfiri sɛ, na wɔrebɔ totorobɛnto dendeenden a ɛnne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, enti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnyae kasa, ɛfiri sɛ, na wɔntumi nni mmara a na ɛka sɛ, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ kum no” no so. Na beaeɛ hɔ yɛ hu ara kɔsii sɛ Mose kaa sɛ. “Mesuro, na me ho popo.”

Na mo deɛ moaba Sion Bepɔ so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kuro, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfoɔ mpempem wɔ mu no mu. Moaba Onyankopɔn asafo mma dada a wɔn ani gye wɔn ho a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa ɔtemmufoɔ ne ateneneefoɔ a wɔayɛ wɔn pɛ no mu. Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforɔ ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sene Habel mogya no ho.

Monhwɛ mo ho so yie na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie deɛ ɔkasa firii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane afiri deɛ ɔkasa firi ɔsoro no ho? Ne nne wosoo asase saa ɛberɛ no, nanso seesei wahyɛ bɔ sɛ, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsane awoso no, na mɛwoso soro nso bio saa ara.” Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwoso nneɛma a wɔbɔeɛ no na atutu afiri wɔn ananmu na nneɛma a wɔntumi nwoso no aka.

Momma yɛnna so ase, ɛfiri sɛ, yɛanya ahennie a wɔwoso no a ɛnyɛ yie. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɛkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ anidie ne suro so nsom no, ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, yɛn Onyankopɔn yɛ ogya a ɛhye na ɛsɛe adeɛ.

Read More of Hebrifoɔ 12