1 Mose 25:1-34, 1 Mose 26:1-35 ASCB

1 Mose 25:1-34

Abraham Ware Ketura

Abraham waree ɔbaa foforɔ bi a ne din de Ketura. Abraham ne Ketura wowoo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefoɔ ne Asurfoɔ, Letusfoɔ ne Leumfoɔ. Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa yɛ Ketura asefoɔ.

Abraham de nʼagyapadeɛ nyinaa maa Isak. Nanso, ɛberɛ a ɔte ase no, ɔmaa ne mpena mma akyɛdeɛ, na ɔyii wɔn firii ne babarima Isak nkyɛn, ma wɔkɔɔ apueeɛ fam asase bi so.

Abraham Wuo

Abraham nkwanna nyinaa kɔsii mfeɛ ɔha aduɔson enum. Abraham nyini bɔɔ akɔkoraa posoposo ansa na ɔrewu akɔka ne mpanimfoɔ ho. Ne mmammarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuo a ɛwɔ Mamrɛ apueeɛ fam. Yei ne asase a Abraham tɔ firii Hetifoɔ nkyɛn no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa ɛberɛ no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no.

Ismael Asefoɔ

Yei ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefoɔ ho asɛm.

Wɔn a wɔdidi so yi yɛ Ismael mmammarima a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no.

Na Nebaiot yɛ Ismael abakan.

Wɔn a wɔdidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,

Misma, Duma, Masa,

Hadad, Tema, Yetur,

Nafis ne Kedema.

Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Ismael mmammarima no. Saa edin yi na ɛdeda mmusuakuo dumienu ne wɔn atenaeɛ so.

Ismael dii mfirinhyia ɔha aduasa nson ansa na ɔrewu. Ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ ne nkurɔfoɔ mu. Ismael asefoɔ yi tenatenaa nsase a ɛfiri Hawila kɔsi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntenesoɔ. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuo yi ntam.

Esau Ne Yakob

Abraham babarima Isak ne nʼasefoɔ ho asɛm nie.

Abraham woo Isak. Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ɔfiri Paddan-Aram no babaa. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabaa.

Isak waree Rebeka mfeɛ bebree a na wɔnwo. Enti, Isak bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyire yi, Awurade tiee ne mpaeɛbɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛneeɛ. Ɛberɛ a Rebeka nyinsɛneeɛ no, ɛtɔ da a, na mmɔfra no di apereapereɛ wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, ɔbisa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpaeɛ bisaa Awurade nkyɛn asekyerɛ.

Awurade buaa no sɛ,

“Aman mmienu na wɔwɔ wo yafunu mu.

Wɔbɛtete nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu.

Mmɔfra baanu no, ɔbaako asefoɔ bɛyɛ ahoɔdenfoɔ asene ne nua a ɔka ne ho no asefoɔ.

Na ɔpanin no bɛsom akumaa no.”

Rebeka awoɔ duruu so no, ɔwoo ntaten. Na deɛ ɔdi ɛkan baeɛ no yɛ kɔkɔɔ a ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ deɛ ɔhyɛ nwi atadeɛ. Enti, wɔtoo no edin Esau. Yei akyiri no, ne nua no baeɛ. Na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.

Mmɔfra no nyiniiɛ no, Esau bɛyɛɛ ɔbɔmmɔfoɔ a, ɔto a, ɔmfom. Na ɔyɛ ha fa wiram baabiara. Yakob nso bɛyɛɛ obi a ɔyɛ komm a ɔmpɛ ne ho asɛm. Na ɛberɛ biara, ɔpɛ sɛ ɔtena fie. Na Isak pɛ Esau asɛm yie, ɛfiri sɛ, na ɛberɛ biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso, na Rebeka deɛ, ɔpɛ Yakob asɛm.

Esau Tɔn Ne Panin

Ɛda bi a Esau firi wiram baeɛ a na ɛkɔm de no yie no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduane bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso. Ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduane a woanoa yi bi nni!” (Ɛno enti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a asekyerɛ ne ade kɔkɔɔ).

Yakob buaa sɛ, “Tɔn wo panin no ma me ansa.”

Esau kaa sɛ, “Ɔkɔm rekum me, na mede panin reyɛ ɛdeɛn?”

Yakob buaa Esau sɛ, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panin no maa ne nua kumaa Yakob.

Enti, Yakob maa Esau aduane no bi, ma ɔdiiɛ. Ɔnom nsuo guu so, sɔre kɔɔ ne kwan.

Yei ne ɛkwan a Esau faa so tɔn ne panin no.

Read More of 1 Mose 25

1 Mose 26:1-35

Isak Ne Ɔhene Abimelek

Afei, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so. Saa ɛkɔm kɛseɛ no sene deɛ ɛbaa Abraham berɛ so no. Ɛno enti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifoɔ ɔhene Abimelek kuro mu. Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so. Tena asase yi so kakra, ɛfiri sɛ, mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ, na mede asi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua. Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase aman ahodoɔ nyinaa. Ɛfiri sɛ, Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛdeɛ ne me mmara nyinaa so.” Enti, Isak tenaa Gerar.

Ɛberɛ a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ me nuabaa.” Ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛsiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ enti, anhwɛ a, na kurom hɔ mmarima akum no.

Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, ɛda bi, Filistifoɔ ɔhene Abimelek gyina ne mpomma mu na ɔhunuu sɛ Isak regoro ne yere Rebeka ho. Ɛno enti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak baeɛ no, ɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa no yɛ wo yere ankasa. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa?’ ”

Isak buaa no sɛ, “Mesusuu sɛ, sɛ meka sɛ ɔyɛ me yere a, ne enti, ebia, na wɔakum me.”

Ɛnna ɔhene Abimelek kaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokorɛ a woamma anna adi enti, anka obi bɛtumi afa wo yere no, na wode mmusuo aba yɛn so.”

Ɛno enti, Abimelek bɔɔ ne manfoɔ no kɔkɔ sɛ, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɛkwan biara so, wɔbɛkum no.”

Saa afe no ara Yakob dɔɔ afuo. Na Awurade hyiraa nʼadwumadeɛ so. Ne nnɔbaeɛ baa bebree. Isak yɛɛ ɔdefoɔ. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso, ma ɔdii taamu. Ɔnyaa nnwan, anantwie, ne asomfoɔ bebree, ma ɛyɛɛ saa maa Filistifoɔ no ani beree no yie. Saa anibereɛ yi enti, Filistifoɔ no de dɔteɛ kɔsisii abura ahodoɔ a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu wɔ ne berɛ so no nyinaa ano.

Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Tu firi yɛn asase so, ɛfiri sɛ, wʼahonya dodoɔ aka yɛn ahyɛ.”

Isak tu firii Gerar kuro no mu, kɔɔ Gerar subɔnhwa mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenaeɛ. Enti, Isak maa ne nkoa sane tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuiɛ a ne wuo akyiri no, Filistifoɔ no sisii ne nyinaa no. Ɔsane de edin korɔ no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.

Isak nkoa no tuu abura foforɔ bi wɔ Gerar subɔnhwa no mu, kɔtoo nsuo a ɛyɛ korɔgyenn. Nanso, Gerar nnwanhwɛfoɔ ne Isak nnwanhwɛfoɔ gyee abura no ho akyinnyeɛ. Gerar nnwanhwɛfoɔ no kaa sɛ, “Abura yi yɛ yɛn dea.” Yei maa Isak too saa abura no edin Esek, a aseɛ kyerɛ akyinnyegyeɛ abura. Isak nkoa no sane tuu abura foforɔ, nanso Gerar nnwanhwɛfoɔ no sane ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Yei maa Isak sane too saa abura no nso edin Sitna, a aseɛ kyerɛ Aperedie. Isak gyaa saa abura no hɔ kɔtuu abura foforɔ. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Yei maa Isak too saa abura yi edin Rehobot a aseɛ ne “Afei deɛ Awurade abɔ yɛn atenaseɛ na yɛbɛnya yɛn ho wɔ asase yi so.”

Isak tu firii hɔ kɔɔ Beer-Seba. Anadwo no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene wʼagya, Abraham Onyankopɔn. Nsuro, ɛfiri sɛ, me ne wo na ɛwɔ hɔ. Ɛbɔ a mahyɛ mʼakoa Abraham enti, mɛhyira wo, na mama wʼasefoɔ adɔɔso, na wɔayɛ ɔman kɛseɛ.”

Isak sii afɔrebukyia, somm Awurade wɔ hɔ. Ɔsii ntomadan, tenaa hɔ, na ne nkoa nso tuu abura maa no.

Ɛda bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufoɔ Ahusad ne ne sahene Pikol firi Gerar bɛsraa Isak. Isak bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo a na mo ne me nka, na mopamoo me firii mo nkyɛn aba me ha ɛnnɛ sɛ morebɛsra me?”

Wɔbuaa no sɛ, “Yɛhunu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa enti, yɛasi gyinaeɛ sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no, Ka yɛn ntam sɛ, worenha yɛn, sɛdeɛ yɛn nso, yɛanha wo no. Yɛne wo tenaa yie. Yɛgyaa wo kwan asomdwoeɛ mu. Afei, hwɛ sɛdeɛ Awurade ahyira wo.”

Isak too wɔn ɛpono, na wɔdidi nomeeɛ de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no. Adeɛ kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Afei, Isak gyaa wɔn kwan, ma wɔkɔɔ asomdwoeɛ mu.

Ɛda no ara, Isak asomfoɔ bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ, “Yɛato nsuo.” Isak too abura no edin Seba, a aseɛ kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kuro a akyire no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ edin Beer-Seba a ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara.

Esau dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree ababaawa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau sane waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon. Nanso, Isak ne Rebeka bo annwo saa awadeɛ no so.

Read More of 1 Mose 26