1 Mose 19:1-38, 1 Mose 20:1-18 ASCB

1 Mose 19:1-38

Sodom Ne Gomora Amumuyɛ

Ɔsoro abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ. Na Lot te kuro no ɛpono ano. Ɛberɛ a Lot hunuu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn ɛkwan. Ɔbuu nkotodwe, de nʼanim butuu fam, nam so maa wɔn akwaaba. Ɔkaa sɛ, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fie, na memma mo nsuo nhohoro mo nan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantuo no so.”

Nanso, abɔfoɔ no buaa sɛ, “Dabi, mmom, yɛbɛda adwabɔeɛ.”

Nanso, Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibereɛ so enti, wɔne no kɔɔ ne fie. Ɔtoo burodo a wamfa mmɔreka amfra ɛda no ara, de too wɔn ɛpono, ma wɔdiiɛ. Ansa na wɔbɛkɔ akɔda no, Sodomfoɔ mpanin ne mmɔfra nyinaa firi kuro no afanan bɛtwaa efie no ho hyiaeɛ. Wɔteateaam frɛɛ Lot bisaa no sɛ, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”

Lot firii adi, too ne ɛpono mu, kɔhyiaa Sodom mmarima no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom, mesrɛ mo, monnyɛ amumuyɛsɛm a ɛte saa. Montie! Mewɔ mmammaa baanu a wɔnhunuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na deɛ mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi deɛ, mommfa mo nsa nka wɔn, ɛfiri sɛ, wɔaba me suhyɛ banbɔ mu.”

Ɛdɔm no teateaam sɛ, “Twe wo ho! Woyɛ hwan? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei deɛ worebɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ. Yɛne wo bɛdi no anibereɛ so asene nkurɔfoɔ no.” Ɛdɔm no twi faa Lot so, na wɔhyɛɛ aseɛ bubuu apono no.

Nanso, ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyɛ efie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ efie hɔ, too ɛpono no mu. Ɔsoro abɔfoɔ baanu no maa mpanin ne mmɔfra a wɔgyinagyina ɛpono no akyiri no ani firafiraeɛ enti, wɔanhunu ɛpono no koraa.

Sodom Ne Gomora Sɛeɛ

Afei, ɔsoro abɔfoɔ baanu no bisaa Lot sɛ, “Wowɔ abusuafoɔ bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmammaa, wo mmammarima anaa obi foforɔ bi a ɔyɛ wo ho onipa? Yi wɔn nyinaa firi ha, ɛfiri sɛ, yɛrebɛsɛe saa kuro yi pasaa. Amumuyɛsɛm a ɛtia nnipa yi a aduru Awurade anim no ano den enti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kuro yi.”

Enti, Lot firii adi, kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmammaa no amaneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ no ntɛm, na momfiri kuro yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn rebɛsɛe kuro yi!” Nanso, na saa mmarima yi susu sɛ ɔredi fɛ bi.

Anɔpahema no, ɔsoro abɔfoɔ no hyɛɛ Lot sɛ, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no firi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kuro no, asɛe mo.”

Ɔtwentwɛnee ne nan ase no, ɔsoro abɔfoɔ no sosɔɔ Lot ne ne yere ne ne mmammaa baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn firii kuro no mu asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, Awurade hunuu wɔn mmɔbɔ. Ɔsoro abɔfoɔ no yii Lot mmammaa baanu no firii kuro no mu ara pɛ, abɔfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Monnwane nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyiri. Monnnyina baabiara. Monnwane nkɔ mmepɔ no so, anyɛ saa a, mobɛwuwu!”

Nanso, Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ao, dabi me wuranom! Mo akoa anya mo anim adom, na moayɛ me adɔeɛ kɛseɛ de agye me nkwa. Nanso, me deɛ, merentumi nnwane nkɔ mmepɔ no so, ɛfiri sɛ, mesuro sɛ anhwɛ a, saa amanehunu yi bɛto me, ama mawu. Hwɛ, kuro ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma menkɔhinta hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kuro no nsua anaa?”

Ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Lot sɛ, “Ɛyɛ, mepene wʼabisadeɛ yi so; merensɛe saa kuro ketewa no. Ɛnneɛ, dwane kɔ hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, sɛ wonnuruu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, na wɔfrɛɛ kuro no Soar a aseɛ ne kuro ketewa.

Ɛberɛ a Lot duruu Soar no, na owia apue. Afei, Awurade maa sɔfe ne ogya tɔ firii soro, guu Sodom ne Gomora so. Saa ɛkwan yi so na wɔfa de sɛee saa nkuropɔn mmienu ne asasetam no nyinaa. Nnipa a na wɔtete saa nkuropɔn no so ne asase no so afifideɛ nso nyinaa sɛeɛ. Nanso, Lot yere twaa nʼani hwɛɛ nʼakyiri ma ɔdanee nkyene esie.

Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham kɔɔ baabi a ɔgyinaa Awurade anim no. Ɔmaa nʼani so hwɛɛ Sodom ne Gomora fam ne asasetam no so nyinaa, hunuu wisie kumɔnn a abua asase no so te sɛ wisie a ɛfiri fononoo mu.

Ɛberɛ a Onyankopɔn sɛee nkuro a ɛwɔ asase tamaa no so no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ɔyii Lot firii ɔsɛeɛ a ɛbaa nkuro a na Lot te so no mu no.

Lot Ne Ne Mmammaa Baanu No

Afei, Lot ne ne mmammaa baanu no tu firii Soar kɔtenaa ɔbodan bi a na ɛwɔ mmepɔ no mu, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛtena Soar. Ɛda koro bi, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Yɛn agya abɔ akɔkoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛdeɛ wɔyɛ no ewiase baabiara no. Ne saa enti, ma yɛmma yɛn agya nsã nnom, na afei, yɛne no nna, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam ne so bɛma yɛn ase adɔre.”

Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na ɔbabaa panin no ne no kɔdaeɛ. Lot anhunu ɛberɛ korɔ a ne babaa panin no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ korɔ a ɔsɔre kɔeɛ.

Adeɛ kyeeɛ no, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Nnora anadwo, me ne mʼagya daeɛ. Saa anadwo yi, ma yɛnsane mma no nsã nnom, na wo nso, wo ne no nkɔda, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam yɛn agya so bɛma yɛn ase adɔre.” Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdaeɛ. Bio, Lot anhunu ɛberɛ ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ ko a ɔsɔre kɔeɛ.

Enti, Lot ne ne mmammaa baanu no nyinsɛneeɛ. Ne babaa panin no woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Moab. Ɔno na ɔyɛ Moabfoɔ agya de bɛsi ɛnnɛ. Akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Ben-Ami; ɔno nso ne Amon mma agya de bɛsi ɛnnɛ.

Read More of 1 Mose 19

1 Mose 20:1-18

Abraham Ne Abimelek

Afei, Abraham tu firii hɔ kɔɔ anafoɔ mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkuro Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra. Abraham maa nnipa no tee aseɛ sɛ, Sara yɛ ne nuabaa. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfie.

Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wosɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔbaa a woakɔfa no no yɛ obi yere.”

Nanso, na Abimelek nnya ne Sara nnaeɛ, enti ɔkaa sɛ, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi? Abraham ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa.’ Na Sara no nso kaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwenem fann ne akoma mu teɛ na meyɛɛ deɛ meyɛeɛ no.”

Afei, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ bio ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, wode adwenem fann ne akoma mu teɛ na ɛyɛɛ deɛ woyɛeɛ no; ɛno enti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno enti na mamma woamfa wo ho anka no no. Ne saa enti sane fa ɔbarima no yere no kɔma no, ɛfiri sɛ, saa ɔbarima no yɛ odiyifoɔ a ɔbɛtumi abɔ mpaeɛ ama wo, ama woatena. Na sɛ woansane amfa no ankɔma no a, hunu sɛ, wo ne wʼasefoɔ nyinaa bɛwuwu.”

Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ntɛm ara, Abimelek frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisie no ho amaneɛ. Na wɔsuroo yie. Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me ɔman so yi? Adeɛ a wode ayɛ me yi nyɛ adeɛ a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.” Afei, Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Ɛdeɛn adwene na ɛkaa wo a ɛmaa woyɛɛ saa?”

Abraham buaa sɛ, “Mesusuu sɛ, nokorɛm, Onyankopɔn biara nni mo mu, ne saa enti, me yere enti, mobɛtumi akum me. Yei akyiri no, ampa ara, ɔyɛ me nuabaa. Yɛfiri agya korɔ. Yɛmfiri ɛna korɔ. Ɛno enti na mewaree no no. Na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham sɛ, mentu mfiri mʼagya fie nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no, me nso, meka kyerɛɛ Sara sɛ, ‘Adɔeɛ a ɛsɛ sɛ woyɛ me nie: baabiara a yɛbɛduru no, ka sɛ, meyɛ wo nuabarima.’ ”

Enti, Abimelek de nnwan, anantwie, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara sane brɛɛ no. Abimelek kaa sɛ, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.”

Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso sɛ, “Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Yei ne mpatadeɛ a mede rema wo wɔ bɔne a wɔde too wo so no, wɔ wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodie biara nna wo so.”

Enti, Abraham bɔɔ mpaeɛ, srɛɛ Onyankopɔn sɛ, ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmaa ne mfenaa a wɔwɔ efie hɔ yadeɛ, ma wɔnwo mma. Esiane Abraham yere Sara enti, Awurade too Abimelek fiefoɔ nyinaa yafunu mu, de twee Abimelek aso.

Read More of 1 Mose 20