Galatifoɔ 3:26-29, Galatifoɔ 4:1-20 ASCB

Galatifoɔ 3:26-29

Ɛnam gyidie so enti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no. Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu enti, moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so. Yɛnni Yudani anaa Helani, yɛnni akoa anaa ɔdehyeɛ, yɛnni ɔbarima anaa ɔbaa, na mo nyinaa yɛ onipa korɔ wɔ Kristo Yesu mu. Enti sɛ moyɛ Kristo dea a, na moyɛ Abraham asefoɔ, na bɔhyɛ no enti, moyɛ adedifoɔ nso.

Read More of Galatifoɔ 3

Galatifoɔ 4:1-20

Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodoɔ a ɔdedifoɔ no yɛ abɔfra no, ɛwom sɛ agyapadeɛ no nyinaa hyɛ ne nsa deɛ, nanso nsonsonoeɛ biara nna ɔno ne akoa ntam. Esiane sɛ ɔnnyiniiɛ no enti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ toto nneɛma ma no kɔsi ɛberɛ a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnane agyapadeɛ no mma no no.

Onyankopɔn Tɔɔ Ahofadie Maa Yɛn

Saa ara na na yɛn nso yɛteɛ. Na yɛte sɛ mmɔfra a ewiase ahonhom dii yɛn so. Nanso, mmerɛ pa no duruiɛ no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbaa woo no Mmara ase sɛ ɔmmɛgye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase sɛdeɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. Esiane sɛ moyɛ mma enti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn akoma mu, Honhom a ɛfrɛ “Agya, Agya.” Enti, wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba enti, Onyankopɔn de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.

Galatifoɔ Ho Hia Paulo

Mmerɛ bi a atwam no, na monnim Onyankopɔn, enti na moyɛ nkoa ma wɔn a wɔnyɛ anyame. Nanso, afei a moahunu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahunu mo yi, adɛn enti na mopɛ sɛ modane mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔde mo yɛ nkoa bio? Modi nna, abosome, nnapɔnna ne mfeɛ bi. Mesuro sɛ, ɛkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho.

Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, ɛfiri sɛ meyɛɛ sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara. Sɛdeɛ monim no, ɛberɛ a mebɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mede yadeɛ na ɛbaeɛ. Ɛwom sɛ na me yadeɛ no ha mo deɛ, nanso moampo me. Mmom, mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Kristo Yesu. Anigyeɛ a mowɔ no nyinaa afa he? Mɛtumi aka sɛ, sɛ mobɛtumi a, anka mobɛtutu mo ani de ama me. Nokorɛ a meka kyerɛ mo enti na afei mabɛyɛ mo ɔtamfoɔ yi?

Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wɔnni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtete me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho sɛdeɛ wɔn ani ku mo ho no. Ɛyɛ sɛ mobɛyɛ nsi ɛberɛ biara, ɛberɛ a mewɔ mo nkyɛn ne ɛberɛ a menni mo nkyɛn mpo. Me mma pa, mo a mo enti merehunu awoyea bio kɔsi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no, mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masesa kwan a me fa so kasa, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.

Read More of Galatifoɔ 4