Ɛsra 6:1-22, Ɛsra 7:1-10 ASCB

Ɛsra 6:1-22

Dario Ma Asɔredansie Ho Ɛkwan

Enti, ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia nneɛma dada akoraeɛ hɔ baabi a wɔkora nneɛma a ɛsom bo no. Na Ekbatana aban a ɛwɔ Mediaman no mu na wɔhunuu krataa mmobɔeɛ bi. Na emu nsɛm nie:

Asɛnkaeɛ krataa:

Ɔhene Kores dii adeɛ nʼafe a ɛdi so no, wɔhyɛɛ mmara faa Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho.

Ɛkaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsane si no wɔ beaeɛ a na Yudafoɔ bɔ wɔn afɔdeɛ hɔ, wɔ fapem dada no so. Ɛsɛ sɛ ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne tɛtrɛtɛ mu nso yɛ anammɔn aduɔkron. Aboɔ a wɔasiesie no sononko no ntosoɔ mmiɛnsa biara so no, ɛsɛ sɛ wɔde nnua gu so. Na adehyeɛ fotoɔ mu na wɔbɛfiri atua ho ka. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan a ɛsi Yerusalem no mu de kɔɔ Babilonia no, ɛsɛ sɛ wɔsane de kɔ Yerusalem, de kɔgu Onyankopɔn asɔredan no mu sɛdeɛ na ɛteɛ no.

Na ɔhene Dario too saa nkra yi: Mede krataa yi kɔma amrado Tatenai a ɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam ne Setar-Bosnai ne mo mfɛfoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Eufrate atɔeɛ fam sɛ monnkɔ hɔ. Monnkɔtwintwane Onyankopɔn asɔredan no sie. Wɔnsi no wɔ beaeɛ dada mu hɔ ara, na monntwintwane Yuda amrado ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ananmu wɔ adwuma no yɛ mu.

Na mesane hyɛ mo bio sɛ, mommoa saa Yudafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Onyankopɔn asɔredan no sie mu.

Ɛsɛ sɛ motua adansie no ho ka nyinaa firi me toɔ a mogyegye firi Eufrate asuogya hɔ, a monntwentwɛn so koraa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adwuma no bɛkɔ so ama wɔawie. Biribiara a ɛho hia asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem, sɛ ebia, nantwie mma, nnwennini ne nnwammaa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro no, momfa mma wɔn. Afei, momma wɔn atokoɔ, nkyene, nsã ne ngo a ɛho bɛhia wɔn da biara a monnto mu. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛtumi abɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani ama ɔsorosoro Onyankopɔn, na wɔabɔ mpaeɛ ama me ne me mmammarima.

Wɔn a wɔbɛbu mmara no so wɔ ɛkwan biara so no, wɔbɛyi wɔn adan so mpunan. Na wɔde wɔn abobɔ mu, abɔ wɔn mmaa, ama wɔn afie adwiri, adane nkunkumasie. Onyankopɔn a wayi Yerusalem kuro sɛ beaeɛ a wɔnhyɛ ne din animuonyam no nsɛe ɔhene anaa ɔman biara a wɔbɛbu ne mmara so asɛe asɔredan no.

Me Dario na mahyɛ saa mmara yi. Ma ɔmanfoɔ ntie no aso pa mu.

Na Tatenai a ɔyɛ asuo Eufrate atɔeɛ amrado ne Setar-Bosnai ne nʼafɛfoɔ dii Dario mmara a ɔhyɛeɛ no so prɛko pɛ. Enti, Yudafoɔ mpanimfoɔ toaa wɔn dwumadie no so na asɛnka a adiyifoɔ Hagai ne Ido babarima Sakaria kaeɛ no hyɛɛ wɔn nkuran. Na, wɔwiee asɔredan no sie, sɛdeɛ, Israel Onyankopɔn hyɛeɛ na Kores, Dario ne Persiahene Artasasta hyɛɛ mmara no. Wɔwiee asɔredan no sie Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so dumienu, wɔ ɔhene Dario ahennie mfeɛ nsia so.

Israelfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfiri asutwa mu aba no de ahosɛpɛ too Onyankopɔn asɔredan no din. Onyankopɔn asɔredan no dintoɔ afahyɛ no mu no, wɔde anantwie mma ɔha, nnwennini ahanu ne nnwammaa ahanan bɔɔ afɔdeɛ. Na wɔmaa mmirekyie dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ, de gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuo dumienu no. Afei, wɔkyekyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no mu, sɛdeɛ wɔn akuo ahodoɔ teɛ no, ma wɔsomm wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose Nwoma mu no.

Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so aduonu baako no, wɔn a wɔatwa wɔn asu no a wɔasane aba no dii Twam Afahyɛ. Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, ma wɔn ho te maa afahyɛ no. Enti, wɔkumm Twam Afahyɛ dwammaa maa wɔn a wɔtwaa wɔn asu no a wɔasane aba no nyinaa ne asɔfoɔ a wɔaka ne wɔn ankasa wɔn ho. Nnipa a wɔwɔ Israel a wɔfiri asutwa mu aba no ne nnipa no nkaeɛ a wɔwɔ ɔman no mu no a wɔadane afiri wɔn amumuyɛ akwan ho abɛsom Awurade Israel Onyankopɔn no na wɔdii twam aduane no. Wɔdii Twam Afahyɛ aduane no, ɛnna wɔde nnanson nso dii Apiti Afahyɛ no. Ahosɛpɛ baa ɔman no mu afanan nyinaa, ɛfiri sɛ, Awurade sesaa Asiriahene adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho, ma ɔboaa wɔn ma wɔsii Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, asɔredan no.

Read More of Ɛsra 6

Ɛsra 7:1-10

Ɛsra Kɔ Yerusalem

Persiahene Artasasta ahennie mu mfeɛ bebree akyi no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima na ɔno nso yɛ Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima na ɔno nso yɛ Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso yɛ Buki babarima a ɔno yɛ Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso yɛ Eleasa babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanin no babarima. Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛni a ɔnim Mose mmara no a Awurade, Israel Onyankopɔn, de ama Israelfoɔ no yie. Ɔfiri Babilonia baa Yerusalem na biribiara a ɔbisaa ɔhene no, ɔde maa no, ɛfiri sɛ, na Awurade ahummɔborɔ nsa no wɔ ne so. Israelhene no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ ne asɔredan mu asomfoɔ ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ nson so.

Saa afe no, Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem. Ɔfirii Babilonia Abib bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so ɛnan. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ ne so. Ɛfiri sɛ, na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, ɔbɛsua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfoɔ saa mmara no.

Read More of Ɛsra 7